Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Due, mogya kurow! Wo a apoobɔ ne awudi ahyɛ wo mu nyinaa ma, na afow no to ntwa wɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Due, mogya kuro! Wo a apoobɔ ne awudie ayɛ wo mu ma na fomfa to ntwa da wɔ wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Nnome nka mogya kuropɔn a atoro ne korɔn ahyɛ no ma na amanehunufo mpa mu da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Due, mogya kuro! Wo a apoobɔ ne awudie ayɛ wo mu ma na fomfa to ntwa da wɔ wo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Nnome nka mogya kuropɔn a atorɔ ne korɔno ahyɛ no ma na amanehunufoɔ mmpa mu da!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Due, mogya kurow! Wo a apoobɔ ne awudi ahyɛ wo mu nyinaa ma, na afow no to ntwa wɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 3:1
11 Iomraidhean Croise  

Mommfa mo ho nnto amimdi so, na monnyɛ dwowtwa ho ahupoo; sɛ ahonyade dɔ a, mommfa mo koma nnto so.


Anwummere no, na hwɛ, piriwbɔ aba; ade nnya nkyee no, na wonni hɔ bio. Eyi ne yɛn dwowtwafo kyɛfa ne yɛn afowfo ade a wonya.


wɔmfa dwonto nnom nsa, nsa yɛ ne nomfo nwene.


Hena na ɔde Yakob maa ɔfom, na ɔde Israel maa afowfo? So ɛnyɛ AWURADE a yɛayɛ no bɔne, na wɔampɛ sɛ wɔnantew n’akwan mu, na wɔantie ne mmara no?


Ntanka ne nkontompo ne awudi ne awi ne awaresɛe na ɛwɔ hɔ; wodi akakabensɛm na mogyahwiegu toa mogyahwiegu so.


Gyata tetew mu ma ne mma na omia ma n’abere, na ɔde ntetewee hyɛɛ n’atu mu amaama, na ɔde nea ɔtetew mu no hyehyɛɛ ne tenabea.


Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm ni, na mɛma ne nteaseɛnam ahyew owusiw mu, na afoa bedi w’agyataforo no; na metwa w’afow ade no afi asase so, na wɔrente w’abɔfo no nne bio.


Onnue, nea ɔkyekye kurow mogya mu, na ɔto aban abusude mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan