Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nahum 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofofo no furafura kɔben, nteaseɛnam no yɛ dade gya, ɛda a osiesie dɔm no, na wɔwosow peaw nnua;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofoɔ no firafira kɔbene, nteaseɛnam no yɛ dadeɛ gya, ɛda a ɔsiesie dɔm no, na wɔwoso pea nnua;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Asraafo no nkatabo yɛ kɔkɔɔ; akofo no hyehyɛ ɔkɔben akotade. Nnade a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa yerɛw yerɛw sɛ da a wɔyɛɛ no; mpeaw a wɔapema wɔ nnua so no rehim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofoɔ no firafira kɔbene, nteaseɛnam no yɛ dadeɛ gya, ɛda a ɔsiesie dɔm no, na wɔwoso pea nnua;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Asraafoɔ no akokyɛm yɛ kɔkɔɔ; akofoɔ no hyehyɛ kɔben akotaadeɛ. Nnadeɛ a wɔde yɛɛ nteaseɛnam no twa nyinam nyinam sɛ da a wɔyɛeɛ no; mpea a wapoma wɔ nnua so no rehim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere, akofofo no furafura kɔben, nteaseɛnam no yɛ dade gya, ɛda a osiesie dɔm no, na wɔwosow peaw nnua;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nahum 2:3
13 Iomraidhean Croise  

Agyan boha wosow no so, peaw ne pɛmɛ a etwa nyinamnyinam nso.


Kwaem kɔkɔte sɛe no, na petee mu mmoa we.


ɔpopaw nso nya wo ho anigye, ɛne Lebanon nkyeneduru, na ɛka sɛ: Sɛ woakɔda yi, obi remforo mma yɛn so mmɛtow yɛn.


na wɔde akode ne nteaseɛnam ne nkyimii ne aman asafo bɛba wo so; ahokatade ne ɔkyɛm ne dade kyɛw na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmu mesi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmu so.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Babel hene Nebukadnesar, ahene mu hene no, mifi atifi fam, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.


Ɔpɔnkɔ abaa gyigye, teaseɛnam nan yɛ kirididi, apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam huruhuruw.


Mihui anadwo, na hwɛ, ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ogyina ohuannua a ɛwɔ obon mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne fitaa gyinagyina n’akyi. Na mibisaa sɛ: Me wura, eyinom yɛ dɛn?


Ɔpopaw, twa adwo, na kyeneduru ahwe fam, efisɛ anuonyamfo asɛe; Basan adum, muntwa adwo, na kwae a ɛkorɔn abrɛ ase.


Teaseɛnam a edi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so abien no, apɔnkɔbiri na ɛwɔ ho,


Na sɛnkyerɛnne foforo yii ne ho adi ɔsoro, na hwɛ, ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du, na ahemmotiri ason bobɔ ne ti.


Na ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi fii adi, na wɔmaa nea ɔte no so no ahoɔden sɛ ommeyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho, na wɔmaa no nkrante kɛse bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan