Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 9:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo; ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo; ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo; ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛno enti, nnka ɔfɛdifoɔ anim na ɔmmɛtane wo; ka onyansafoɔ anim na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Nka ɔfɛwdifo anim na wantan wo; ka onyansafo anim, na ɔbɛdɔ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 9:8
23 Iomraidhean Croise  

Na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ, odiyifo Natan ni. Na oduu ɔhene anim no, ɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam.


Na Ɔhene Dawid kae sɛ: Momfrɛ ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim.


Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako bi da so wɔ hɔ a anka yebetumi abisa AWURADE afi ne nkyɛn, nanso metan no, efisɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa.


Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ me tiri so ngo a me ti rempo, na abɔnefo ngosra mpare me na me mpaebɔ ara na ɛda so hyia wɔn asɛmmɔne.


Na onyansafo ntie, na n’adenim nnɔɔso, na onimdefo mfa nnya atɛmpa:


Komam nyansafo gye mmara nsɛm, na ogyimifo kurokurofo bɛhwe ase.


Ɔba nyansafo tie agya nteɛso, na ɔfɛwdifo ntie ntwiwanim.


Ohia ne aniwu ka nea ɔpa nteɛso, na nea obu animka no nya anuonyam.


Ɔfɛwdifo nnɔ nea ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafo nkyɛn.


Bɔ ɔfɛwdifo, na atetekwaa ani bɛtew, na ka nhumufo anim, na wahu nimdeɛ mu.


Tɔ nokware, na ntɔn, nyansa ne nteɛso ne nhumu nso.


Nkasa ngu ɔkwasea asom, na obebu wo kasa mu nimdeɛ no animtiaa.


Nea ɔka obi anim no akyiri no, obenya anuonyam asen nea ɔde ne tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ.


Animka nipa a osen ne kɔn, wobebu no mpofirim, na ano nni aduru.


Na wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm bi, efisɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛe ne sɛ: Mummmua no!


Ntan wo nua wo koma mu; ɔka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Munnyaa wɔn, wɔyɛ anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan; na sɛ onifuraefo kyerɛ onifuraefo kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amoa mu.


Mommfa nea ɛyɛ kronkron mmma akraman, na monntow mo nhene pa nngu mprako anim, na wɔamfa wɔn nan antiatia so na wɔannan ammɛtetew mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan