Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 9:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Monnyaa ntetekwaayɛ na monnya nkwa, na monnante nhunumu kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa; monnantew ntease akwan so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Monnyaa ntetekwaayɛ na monnya nkwa, na monnante nhunumu kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Monnya mo ntetekwaasɛm no na mobɛnya nkwa; monnante nteaseɛ akwan so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 9:6
17 Iomraidhean Croise  

Nnebɔneyɛfo, mumfi me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Ɔbabea, tie, na hwɛ, na yɛ aso, na ma wo werɛ mfi wo man ne w’agya fi.


Nea obu nteɛso no fa nkwa kwan so, na nea ɔpo animka no fom kwan.


Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.


Me ba, wo de, tie, na hu nyansa, na teɛ wo koma kɔ ɔkwan no so.


Makyerɛ wo nyansa kwan, magya wo atempɔn tee so.


Na nea ohu me no hu nkwa, na onya AWURADE hɔ anisɔ;


Na me nti wo nna de bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho.


na wɔanantew m’ahyɛde mu, na wɔadi m’atemmude so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ,


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu! Na mise mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛn, na wɔrentumi.


Na ɔde nsɛm bebree kaa ho dii wɔn adanse na otuu wɔn fo sɛ: Momma wonnye mo mfi nnɛ mma abusua kɔntɔnkye yi mu!


Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho mfi wɔn mu, Awurade na ose, na monnka nea ɛyɛ fi; na me nso magye mo,


Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nneyɛe bɔne no bi, na moannya ne haw no bi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan