Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 9:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Sɛ wohunu nyansa a, wohunu fa, na sɛ wodi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso; sɛ woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Sɛ wohunu nyansa a, wohunu fa, na sɛ wodi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ woyɛ onyansafoɔ a, wobɛnya wo nyansa ho mfasoɔ; sɛ woyɛ ɔfɛdifoɔ a, wo nko ara na ɛbɛhunu amane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Sɛ wuhu nyansa a, wuhu fa, na sɛ wudi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 9:12
13 Iomraidhean Croise  

Na mpo, sɛ ampa na mafom a, me so na mfomso no da.


Enti, fa wo ho bɔ Onyankopɔn ho ɛ, na wo ho nnwo wo; eyi mu na adepa bɛba ama wo.


Komam kyirisanfo akwan bɛmee no, na onipa pa nso ade bɛmee no.


Odwumayɛfo kɔm yɛ adwuma ma no, efisɛ n’ano pia no.


Wɔasiesie atemmu ama afɛwdifo ne mmaa ama nkwasea akyi.


Na afei munnni fɛw bio, na mo nkyehama no mu anyɛ den. Na mate ɔsɛe pasaa a wɔasua ato hɔ, AWURADE, asafo AWURADE no nkyɛn, sɛ ɛreba asase nyinaa so.


Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu; ɔba rensoa n’agya amumɔyɛ bi, na agya nso rensoa ne ba amumɔyɛ bi; ɔtreneeni trenee bɛtena no so, na ɔbɔnefo abɔnefosɛm bɛtena no so.


mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ.


Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.


sɛnea ɔyɛe ne nhoma nyinaa a ɔka eyinom ho nsɛm wɔ mu no mu nso. Emu na nsɛm a ntease yɛ den, na wɔn a wonsuaa ade na wɔn ase ntimii toto no, sɛnea wɔyɛ kyerɛw nsɛm a aka no nso, ma wɔn ankasa sɛe no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan