Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me se: Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm, di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma w’akoma nsɔ me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ, “Ma me nsɛm nni wʼakoma mu dɛm di me nkyerɛkyerɛ so na wobɛnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me se: Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 4:4
22 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fifo a ebedi n'akyi sɛ wonni AWURADE kwan so nyɛ adetrenee, mmu atɛntrenee, na AWURADE ama nea waka Abraham ho no aba no so.


Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.


Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


W’adansesɛm yɛ trenee daa, ma me nhumu, na minnya nkwa.


Midi wo nsiesiei ne w’adansesɛm so, na m’akwan nyinaa wɔ w’anim.


Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.


Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.


Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so;


efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.


Di me mmara nsɛm so na nya nkwa, na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutiayisi.


Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa. Na me ne mo bɛpam daa apam: Dawid adɔeyɛde a esi hɔ pintinn no.


Na Yeremia se: Wɔrenyi wo mma. Tie AWURADE ɛ, sɛnea mereka makyerɛ wo yi, na asi wo yiye, na wo kra anya nkwa.


Na minim sɛ n’ahyɛde no yɛ daa nkwa. Enti nea meka no, sɛnea Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.


Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.


Wo ho yiye ara na hwɛ, na hwɛ wo kra yiye, na wo werɛ amfi nsɛm a w’ani ahu no, na wo nkwa nna nyinaa mu amfi wo komam, na ma wo mma ne wo mma mma nhu.


Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so;


na ɛma mekae wo gyidi a nkontompo nnim a kan ɛwɔ wo nena Lois ne wo na Eunike mu, na migye midi sɛ ɛwɔ wo nso mu no.


na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.


na onya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae,


Na ose: Mene no. Na Manoa kae sɛ: Afei wo nsɛm no ba mu a, ɛdɛn ne abofra no ahyɛde, na dɛn na ɔnyɛ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan