Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 3:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; fa kyekyere wo kɔn, kyerɛw wo koma pon so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo; fa kyekyere wo kɔn, twerɛ no w’akoma pono so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mma adɔe ne nokware mmfi wo nkyɛn fa yan wo kɔn mu kyerɛw gu wo koma pon so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo; fa kyekyere wo kɔn, twerɛ no w’akoma pono so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ mfiri wo nkyɛn fa yane wo kɔn mu twerɛ gu wʼakoma ɛpono so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Mma adɔe ne nokware nnnyaw wo; fa kyekyere wo kɔn, kyerɛw wo koma pon so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 3:3
23 Iomraidhean Croise  

Nnɛra nko na wobae na ɛnnɛ memma wo ne yɛn nkokyin? Na me de, merekɔ baabiara a metumi makɔ; san na fa wo nuanom nso ka wo ho san kɔ adɔe ne nokware so.


Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔe ne nokware ma wɔn a wodi n’apam ne n’adansesɛm so.


Ɔdom ne nokware behyia, na trenee ne asomdwoe adi mfewano.


Na ɛnyɛ wo wo nsa so sɛnkyerɛnne ne w'aniwa ntam nkae ade, na AWURADE mmara no atena w'anom, efisɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo fii Misraim.


Na AWURADE betwaam n'anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH (AWURADE, AWURADE), Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, nea n'abodwo kyɛ na n'adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii,


na ɛyɛ wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu ntweaban.


So wɔn a wɔbɔre asɛmmɔne mfom anaa? Na ɔdom ne nokware wɔ wɔn a wɔbɔre asɛmpa.


Wɔde adɔe ne nokware kata amumɔyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.


Adɔe ne nokware hwɛ ɔhene so, na adɔe so na n’agua tim.


Fa kyekyere wo koma ho daa yi, na fa bobare wo kɔn ho hyia.


Fa kyekyere wo nsatea so, kyerɛw wo koma pon so.


Yuda bɔne no, wɔde dade kyerɛwdua ne adɛnkyemmo hwɛti na akyerɛw, wɔakurukyerɛw wɔn koma apon so ne wɔn afɔremuka mmɛn so,


Muntie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase no sofo anya ɔham; na nokware ne adɔe ne Onyankopɔn ho nimdeɛ bi nni asase so.


Nokware mmara daa n’anom, na wɔanhu n’anom akɔntɔnkyesɛm biara; asomdwoe ne trenee mu na ɔne me nantewee, na ɔdan nnipa pii fii amumɔyɛ ho.


Munnue, mo Kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ muyi ɛme ne onunum ne nhaban bi so ntotoso du du ma, na mugyaw mmara mu nea ɛsom bo no, a ɛyɛ atemmu ne mmɔborohunu ne gyidi; eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na munnyaw nkae no nso.


na moda adi sɛ moyɛ Kristo nhoma a wɔnam yɛn som so kyerɛwee; wɔamfa adubiri, na mmom wɔde Nyankopɔn teasefo honhom na ɛkyerɛwee, ɛnyɛ abo apon so, na mmom koma ho nam apon so.


efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu,


na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma;


Eyi ne apam a nna no akyi me ne wɔn bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn komam, na makyerɛw wɔ wɔn adwenem,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan