Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfe bebree na ɛde yiyedi abrɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 na ɛbɛma wo nkwa aware, mfeɛ bebree na ɛde yiedie abrɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 efisɛ onyinkyɛ ne nkwa mfe ne asomdwoe na ɛde bɛka wo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 3:2
22 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wonantew m’akwan mu na wudi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea w’agya Dawid nantewee no a, mɛma wo nna aware.


wode onyinkyɛ na ɛbɛkɔ ɔdamoa mu, sɛ wɔde awi afiafi ba mu ne bere mu no.


Asomdwoe pii wɔ wɔn a wɔdɔ wo mmara, na biribi ntoatoa wɔn.


Yiw na hu wo mma mma. Asomdwoe mmra Israel so.


Obisaa wo hɔ nkwa, wode ama no, nna a ɛware daa daa.


Mɛma wadi nkwa tenten amee, na mama wahu me nkwagye.


AWURADE suro to nna so, na abɔnefo mfe de, wobetwa so.


Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.


Me ba, tie, na fa me nsɛm, na wo nkwa mfe adɔɔso.


na ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔka kyerɛɛ me se: Ma wo koma nso me nsɛm mu, di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.


Na me nti wo nna de bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfe bɛka wo ho.


na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ komm ne ahotoso akosi daa;


Na Onyankopɔn ahenni nyɛ adidi ne ɔnom, na mmom ɛyɛ trenee ne asomdwoe ne Honhom Kronkron mu anigye.


Na anidaso Nyankopɔn mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu.


Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe;


na wo nna ne wo mma nna adɔɔso asase a AWURADE kaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, sɛ ɔsoro a ɛkata asase so yi nna te.


Enti monhwɛ na monyɛ sɛnea AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommman nifa anaa benkum;


na ɔhonam mu mmɔdemmɔ so mfaso sua, na onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan