Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mmebusɛm 3:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara, na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Me ba, mma wo werɛ mfi me nkyerɛkyerɛ, kora me mmara wɔ wo koma mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara, na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Me ba, mma wo werɛ mfiri me nkyerɛkyerɛ, kora me mmara yi wɔ wʼakoma mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Me ba, mma wo werɛ mmfi me mmara, na ma wo koma nni me mmara nsɛm so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mmebusɛm 3:1
31 Iomraidhean Croise  

Mede wo nsɛm makora me komam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Hwɛ m’amanehunu, na yi me, na me werɛ mfi wo mmara.


W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me, me werɛ remfi wo nsɛm.


Mafom kwan sɛ oguan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfi wo mmara nsɛm.


Ma minhu mu, na madi wo mmara so, na mede me koma nyinaa medi so.


Sɛ Abɔnefo nhama abobare me ho mpo a, nanso me werɛ mfii wo mmara ɛ.


Me werɛ remfi wo nsiesiei ara da, na ɛno so na wonam ma minya nkwa.


Mɛma wadi nkwa tenten amee, na mama wahu me nkwagye.


na meyɛ mpem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe.


Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara;


Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.


Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn,


Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.


na wɔannom, na wɔn werɛ amfi mmara a wɔahyɛ, na wɔannan amanehunufo nyinaa nsɛm ani.


Na adenim pa na mekyerɛ mo, munnnyaw me mmara.


Mma emmfi w’ani so, fa sie wo komam tɔnn.


Nya nyansa, nya nhumu, mma wo werɛ mmfi, na mman mfi m’anom kasa ho.


Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteɛm, na ntease ma ne nne so?


Nyansa asi ne dan, wasen n’adum asɔn;


Nyan ɛ, nyan ɛ! Sɔre ɛ, Yerusalem, wo a woanom AWURADE nsam n’abufuw kuruwa no; woanom ntintantɔ kuruwa no na woanom, ahwew mu.


Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, AWURADE asɛm ni, mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.


Monhwɛ mo ho yiye na mo werɛ amfi AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pamee no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abra wo nsɛso amfa.


Wo ho yiye ara na hwɛ, na hwɛ wo kra yiye, na wo werɛ amfi nsɛm a w’ani ahu no, na wo nkwa nna nyinaa mu amfi wo komam, na ma wo mma ne wo mma mma nhu.


Di w’agya ne wo na ni, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ wo no, na wo nna aware na asi wo yiye, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.


ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnantew na moanya nkwa, na asi mo yiye, na mo nna aware asase a morekonya no so.


Mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa munni so na monyɛ, na moanya nkwa, na moadɔ, na moakɔ akɔfa asase a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom no adi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan