Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn nsa nim bɔneyɛ yiye; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛse ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, na wɔbom susuw bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu; ɔsodifo bisa akyɛde, otemmufo gye adanmude, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufoɔ pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛseɛ ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, sɛdeɛ wɔbom nwono amumuyɛ ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nsa mmienu no nyinaa akokwa bɔneyɛ mu; sodifoɔ bisa akyɛdeɛ, ɔtemmufoɔ gye adanmudeɛ, wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ deɛ wɔpɛ, wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumuyɛ ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔn nsa nim bɔneyɛ yiye; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛse ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, na wɔbom susuw bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 7:3
26 Iomraidhean Croise  

Nea omua n’ani dwen akɔntɔnkyesɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ.


Ɔbɔnefo gye ayɛyɛde fi kokoam, sɛ ɔrebɛdan atemmu akwan ani.


Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ ademmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.


Na hwɛ, AWURADE refi n’afa abɛtwe asase sofo aso, wɔn amumɔyɛ nti; na asase beyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.


Na nkurɔfo no bɛkɔ ɔhaw mu, oyi ne oyi, onipa ne ne yɔnko; aberantewa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwa nso, onuonyamfo so.


Na ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware.


Wɔn a wobu ɔbɔnefo bem gye adammude, na wɔmfa nea odi bem no bem mma no.


So ɔde bɛhyɛ ne yam akosi daa a? So ɔbɛfa abufuw akosi ase? Hwɛ, woka no saa de, nanso woyɛ nnebɔne a wubetumi nyinaa.


Efisɛ me man agyimi, wonnim me; wɔyɛ mma nkwasea, na wonni nhumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafo, na papayɛ de, wonnim.


Ɛno nti mede wɔn yerenom mɛma afoforo, na mama ahɔho afa wɔn mfuw adi; na efi akumaa so kosi ɔkɛse so wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.


Wo mu na wogyigye anadwode, sɛ wobehwie mogya agu; wugyigye mfɛntom ne nsiho, na wode apempensi fa wo yɔnko so, na me de, wo werɛ afi me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Ne mmapɔmma a wɔwɔ so no te sɛ mpataku a wɔtetew hanam, sɛ wobehwie mogya agu na wɔakunkum nnipa, nea ɛbɛyɛ na wɔanya mfaso bɔne adi.


Hwɛ, Israel abirempɔn no wɔ wo mu, wɔn mu biara sɛnea ne tumi te, sɛ wobehwie mogya agu,


Esiane sɛ mode mfem ne mmati sunsum na mode mo mmɛn sisi ayarefo nyinaa kosi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti,


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Israel ne Yuda fi amumɔyɛ so kɛse pa ara, na mogya ayɛ asase no so ma, na asɛm anidan ayɛ kurow no ma; na wɔka sɛ: AWURADE agyaw asase no, na AWURADE nhu.


Sɛ wɔn asanom atra so a; aguaman na wɔbɔ, ɔpɛ na emu atitiriw pɛ ahohora.


Wɔde wɔn bɔneyɛ ma ɔhene ani gye, na wɔde wɔn atosɛm yɛ mmapɔmma saa ara.


Na minim sɛ mo mmarato dɔɔso na mo bɔne mu yɛ den; muhiahia ɔtreneeni ho na mugyigye mpata, na mokyea ahiafo asɛm kurow pon mu.


Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo, na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso.


Emu atitiriw gye ademmude bu atɛn, na emu asɔfo gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifo gye sika hyɛ nkɔm, nanso wotweri AWURADE ka sɛ: So ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntam yi? Bɔne bi remma yɛn so.


Mo na motan papa na modɔ bɔne, mugua wɔn were fi wɔn ho, ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho,


sɛ: Dɛn na mobɛma me na mayi no mahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbona aduasa de maa no.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan