Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Nnipa pa ayera afi asase so; teefo nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛw mogya, wosunsum wɔn nuanom afiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔapra Onyamefɛrefo nyinaa afi asase so. Anka ɔbaako a ɔteɛ mpo. Nnipa nyinaa tetɛw na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔde ɔtan sunsum wɔn ho wɔn ho mfiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Moapra Nyamefɛrefoɔ nyinaa afiri asase so. Anka ɔbaako a ɔtene mpo. Nnipa nyinaa tetɛ na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu; wɔsunsum wɔn ho wɔn ho mfidie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Nnipa pa ayera afi asase so; teefo nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛw mogya, wosunsum wɔn nuanom afiri.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 7:2
29 Iomraidhean Croise  

Obuw kokoam, sɛ gyata wɔ ne bon mu, obuw sɛ ne nsa bɛka mmɔboroni, ne nsa ka mmɔborɔfo no twe wɔn ba n’afiri mu.


O! AWURADE, boa, na ahotefo rewie sa, na anokwafo ase rehyew, nnipa mma mu.


Obiara twa ne yɔnko nkontompo, ano fremfrem ne koma nta na wɔde kasa.


Wosum m’anammɔn afiri, me kra brɛɛ ase, wotuu me kwan so amoa, wɔn ankasa ahwehwe mu. Sela


Sɛ wose: Bra ma yenkobuw mogya, ma yɛnkɔtɛw nea odi bem kwa;


Abɔnefo nsɛm yɛ mogyatɛw, na teefo ano beyi wɔn.


Na nkurɔfo no bɛkɔ ɔhaw mu, oyi ne oyi, onipa ne ne yɔnko; aberantewa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwa nso, onuonyamfo so.


Ɔtreneeni yera, na obi mfa nhyɛ ne koma mu, na wɔfa nnipa pa kɔ, na obi nte ase, na woyi ɔtreneeni no kɔ, fi bɔne a ɛbɛba no anim.


Wɔn anan tutu mmirika kɔyɛ bɔne, na wɔyɛ ntɛm kohwie mogya a edi bem gu; wɔn adwene yɛ abusudwene, ɔsɛe ne obubu wɔ wɔn atempɔn mu.


Asafo AWURADE abufuhyew nti na asase no ahyew tumm, na ɔman no ayɛ sɛ ade a wɔde sɔ gya; obi nkora ne nua so.


Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofo pii aba, AWURADE asɛm ni, na wɔakoyi wɔn, na eyi akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba, na wɔakɔtwee wɔn afi mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so ne abotan ntokuru mu.


Wɔn agyan kotoku te sɛ ɔdamoa a ano da hɔ, wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.


Efisɛ wohu abɔnefo me man mu; wɔtetɛw sɛ nea nnomaayifo butubutuw; wosunsum mfiri yiyi nnipa.


Mawɛn m’aso matie, nso nea ɛnteɛ na wɔka; obiara nni hɔ a onu ne ho ne bɔne ho ka sɛ: Dɛn na mayɛ yi? Obiara asi ne kwan so sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ ahyia dɔm.


Wɔtoaa yɛn anammɔn, na yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so. Yɛn awiei abɛn, yɛn nna ahi; yiw, yɛn awiei adu!


Wo mu na wogyigye anadwode, sɛ wobehwie mogya agu; wugyigye mfɛntom ne nsiho, na wode apempensi fa wo yɔnko so, na me de, wo werɛ afi me, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.


Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Due, mogya kurow! Ɔsɛn a emu agye nkannare a ne nkannare mfii no mu. Yiyi mu ade, nankum, nankum; wɔnntwe so ntonto.


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Na asɔfo asafokuw no te sɛ akwamukafo asafo a wɔtɛw nnipa, wodi awu ɔkwan mu de rekɔ Sekem; yiw, abusude na wɔyɛ.


Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo, na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso.


mo a mokyekye Sion, mogyahwiegu mu, ne Yerusalem, akɔntɔnkyede mu.


Mo na motan papa na modɔ bɔne, mugua wɔn were fi wɔn ho, ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho,


Na merenkyɛe asase no sofo so bio, Awurade asɛm ni, na hwɛ, merema nnipa atotɔ wɔn yɔnkonom nsam, ne wɔn ahene nsam, na wɔabobɔ asase no, na merenyi obi wɔn nsam.


Na Yudafo no nso foaa no nsɛmmoa sɛ nsɛm yi te sa.


Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ mikura wo batakari ano. Na sɛ matwa wo batakari ano na mankum wo yi, hu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, nso wo de, worepɛ me akum me.


Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, efisɛ Israel hene afi adi rehwehwɛ ɔkraman dwiw, sɛnea wotiw akokɔhwerew wɔ mmepɔw so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan