Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 5:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de, nanso wo mu na obi befi ama me a obedi Israel so, na nʼase fi teteete.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Nanso wo, Betlehem Efrata, ɛwom sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu deɛ, nanso, wo mu na obi bɛfiri ama me a ɔbɛyɛ Israel sodifoɔ, na nʼase firi teteete.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo no; nea n’ase fi tete nteredee, fi tete nna no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 5:2
57 Iomraidhean Croise  

Na wotutu fii Betel kɔe. Na aka ɔkwan tiaa bi na wɔadu Efrat no, awo kaa Rahel, na awo no den no.


Na Rahel wui, na wosiee no Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn


Na me de, mifi Padan mebae no, Rahel wui m'anim wɔ Kanaan asase so wɔ ɔkwan mu, na aka ɔkwantiaa bi na wadu Efrat, na misiee no hɔ wɔ Efrat a ɛne Betlehem no kwan nkyɛn.


Ahempoma remfi Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfi n'anan ntam, kosi sɛ ɛsodifo a aman bɛyɛ osetie ama no no bɛba.


Salma mma ne: Betlehem ne Netofafo, Atrot-bet-yoab ne Manahatfo fa, ne Sorifo no;


ne Penuel a ɔyɛ Gedor n’agya ne Eser a ɔyɛ Husa n’agya, eyinom ne Betlehem agya Efrata abakan Hur mma.


Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma fii no mu de, nanso abakanyɛ no dan Yosef de).


Hwɛ, yɛkɔtee wɔ Efrata, yekohuu wɔ Yaar asase so.


Wo de, wonnya nwoo mmepɔw na wunnya nyii asase ne wiase adi no, na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.


Na wo nso yiyi ɔman no nyinaa mu mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere, na fa wɔn sisi wɔn so, apem apem so mpanyin, ɔha ɔha so mpanyin, aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin.


Na Mose yiyii Israel nyinaa mu nnipa a wɔyɛ den, na ɔde wɔn sisii ɔman no so atitiriw, apem apem so, ɔha ɔha so, aduonum aduonum so ne du du so mpanyin.


Na duforo bi befifi afi Yese dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.


Na ofifii sɛ duforo n’anim, sɛ asase kesee mu ntini; onni su anaa anuonyam, a ɛma yɛhwɛ no, na hwee nni ne ho a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Hwɛ, mede no mayɛ aman dansefo, aman safohene ne mmarahyɛfo.


Enti Awurade ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato no din Imanuel ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.


Na wɔn hene befi wɔn ara mu, na wɔn sodifo nso befi wɔn mu, na mɛma watwiw abɛn me, na hena ne nea obesi ne bo sɛ ɔbɛbɛn me? AWURADE asɛm ni.


Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.


Ɛda no, mɛma Dawid sese a ahwe ase no agyina, na mapompam wɔn mpaepae no, na magyina n’afasusin, na mato no sɛ tete nna no.


Sion babea, ko awo, kyem sɛ ɔwofo, na afei wubefi adi afi kurow no mu akɔtena wuram, na woakɔtena Babel tɔnn; ɛhɔ na wobeyi wo, ɛhɔ na AWURADE bɛpɔn wo afi w’atamfo nsam.


Afoa, sɔre hyɛ me guanhwɛfo ne ɔbarima a ɔyɛ me ho nipa no, asafo Awurade asɛm ni; bɔ oguanhwɛfo no, na nguan no mpete, na mɛdan me nsa aba nkumaa no so.


Di ahurusi pii, Sion babea! Huro, Yerusalem babea. Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye; odwo, na ɔte afurum so, afurumforo a ɔyɛ afurummere ba so.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, ɔhene Herode bere so no, hwɛ, anyansafo bi fi apuei baa Yerusalem


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, efisɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel no befi aba.


Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Na wofii ase totoo n’ano sɛ: Yɛahu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabra sɛ wonnyi tow mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ankasa ne ɔhene Kristo no.


Na nkyerɛwee bi nso wɔ n’atifi sɛ: Oyi ne Yudafo hene.


Kyerɛwsɛm no anka sɛ Dawid asefo mu ne Betlehem kurow a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no befi anaa?


Ɛnna mede mo mmusuakuw mu atitiriw, mmarima anyansafo a wɔdɛnsow misisii mo so atitiriw, apem apem so mpanyin ne ɔha ɔha so mpanyin ne aduonum aduonum so mpanyin ne du du so mpanyin ne mo mmusuakuw so ahwɛfo.


Na ɔno na ɔyɛ ade nyinaa kannifo, na nneɛma nyinaa atim wɔ no mu.


Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.


Efisɛ ɛda adi fann sɛ, Yuda mu na yɛn Awurade puei, nso saa abusuakuw yi Mose ammɔ din anka asɔfodi ho hwee.


Nea ɛwɔ hɔ fi mfiase, nea yɛate, nea yɛde yɛn aniwa ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, wɔ nkwa asɛm no ho,


Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw n’atade ne n’asen so sɛ: Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.


Na Smirna asafo mu bɔfo no, kyerɛw kɔma no sɛ: Sɛɛ na ɔkannifo ne okyikafo, nea owui na ɔte ase bio no se:


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔawie! Mene Alfa ne Omega, mfiase ne awiei no. Me na mede nkwa nsuti mu nsu mɛkyɛ obiara a osukɔm de no kwa.


Na aberante bi wɔ hɔ a ofi Betlehem Yuda, Yuda abusua bi mu; na ɔyɛ Lewini, na ɔkɔsoɛɛ hɔ hɔho.


Akannifo no bere so no, ɔkɔm baa Yuda asase so. Na ɔbarima bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔe sɛ ɔkɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔho, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.


Na ɔman a wɔwɔ kurow pon ano hɔ no nyinaa ne mpanyin no kae sɛ: Adansefo ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbea a waba wo fi no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem.


nanso ɛnnɛ moapa mo Nyankopɔn a ɔno na ogye mo mo amane ne mo ahohia nyinaa mu no, na muse no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mummegyina AWURADE anim sɛ mo mmusuakuw ne mo mpem dodow te.


Nso Efratini bi a wɔfrɛ no Dawid, a ofi Betlehem Yuda, wɔfrɛ n’agya se Yese, na ɔwɔ mmammarima baawɔtwe. Saul bere so no, na ɔbarima no abɔ akora adi mfe ara sann.


na fa nufusu a akyenkyen sebɔw du yi kɔma apem so safohene no, na hwɛ sɛnea wo nuanom ho te, na fa wɔn ho biribi bra.


Na monhwɛ nhu faako a ohintahintaw no nyinaa, na sɛ ɛyɛ ampa a, monsan mmra me nkyɛn, na me ne mo nkɔ. Na sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛtwee mapɛ no Yuda mpem nyinaa mu.


na ɔde wɔn asisi mpem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔw n’asase na wɔatwa ne nnɔbae, na wɔayɛ n’akode ne ne nteaseɛnam ho ade.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan