Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 4:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Afei, ɛdɛn nti na woteɛm dennen? So ɔhene bi nni wo mu, anaasɛ wo fotufo no ayera, na awoko aka wo sɛ ɔwofo yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Afei, adɛn nti na woteam denden? Ɔhene biara nni wo mu anaasɛ wo fotufoɔ no ayera, na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Adɛn nti na afei woresu dennen, wunni ɔhene ana? Wo futufo ayera, na enti ɔyaw aka wo sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Afei, adɛn nti na woteam denden? Ɔhene biara nni wo mu anaasɛ wo fotufoɔ no ayera, na awoɔ aka wo sɛ ɔwofoɔ yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛdeɛn enti na afei woresu denden, wonni ɔhene anaa? Wo futufoɔ ayera, na enti, ɔyea aka wo sɛ ɔbaa ɔwɔ awokoɔ mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Afei, ɛdɛn nti na woteɛm dennen? So ɔhene bi nni wo mu, anaasɛ wo fotufo no ayera, na awoko aka wo sɛ ɔwofo yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 4:9
20 Iomraidhean Croise  

na wɔn ho bedwiriw wɔn, nketenkete ne awerɛhow bekita wɔn, wobehu yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo; wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ohufo anim.


Enti m’asen mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɔkyem aka me sɛ ɔbea ɔwofo kyem; yaw a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyeraw me nti, minhu ade,


Sɛ onyinsɛnfo a ɔbɛn awo kyem na ɔteɛm ne yaw mu no, sɛ yɛte, wo, AWURADE, anim ne no;


Wo a wote Lebanon na woayɛ wo berebuw nkyeneduru so no, sɛ ɛyaw ne awoko, sɛ ɔbaa wofo de ba wo so a, anka wobesi apini dɛn?


Na wo de nsuro, m’akoa Yakob, AWURADE asɛm ni, na mma wo bo nntu, Israel, na hwɛ, meregye wo afi akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nnommumfa asase so; na Yakob bɛsan aba abɛhome atena ase dwoodwoo a obi renyi no hu.


Enkosi da bɛn na minhu frankaa na mente torobɛntohyɛn?


Na mete nne a ɛte sɛ ɔbea a ɔko awo de, ahohia a ɛte sɛ ɔbea a ɔrebɔn awo de: Sion babea nne, osi apini, ɔtrɛw ne nsam sɛ: Minnue! Na me kra atɔ awudifo nsam beraw.


Wɔafa Keriot, na wɔagye nkurow a ɛyɛ den no, na ɛda no, Moab nnɔmmarima koma bɛyɛ sɛ ɔbea a ɔda awoyaw mu koma.


Babel hene ate wɔn nka, na ne nsam agow; ahohia akyere no, ne ɛyaw sɛ ɔbea a ɔwɔ awo mu.


Hwɛ, me man babea sufrɛ nne fi akyirikyiri asase so: So AWURADE nni Sion, anaasɛ ne hene no nni mu bio? Ɛdɛn nti na wɔde wɔn ahoni ne amannɔne ahuhude no ahuru me bo?


Yɛn hwene mu ahome, nea AWURADE asra no no, wɔakyere no wɔn amoa mu, ɔno a yɛkae sɛ: Ne nwini ase na yebenya nkwa, amanaman no mu.


Na afei wɔbɛka sɛ: Yenni hene; efisɛ yɛansuro AWURADE, na ɔhene nso, dɛn na ɔbɛyɛ ama yɛn?


Ɔwofo awoko bɛka no; ɔno de, ɔyɛ ɔba a onni nyansa, sɛ edu ne bere so a, ommegyina nea mma fa mu sian hɔ.


Na Israel mma bɛtena hɔ nna pii a wonni hene na wonni bapɔmma, na wonni afɔre na wonni ɔbosom dum, na wonni asɔfotade ne abusua ahoni.


Enti ɔde wɔn bɛma akosi bere a ɔwofo bi bɛwo, na ne nuanom nkae bɛsan ne Israel mma nso aba.


Ɔbea, sɛ ɔrewo a, ɔte yaw, efisɛ ne dɔn adu; na sɛ onya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigye a wanya sɛ wawo onipa aba wiase no nti.


na wafa afuru, na ɔteɛm reko awo, na awo no aden no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan