Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade bɛdi amanaman ntam nsɛm Aane ɔbɛsiesie ntawantawa ama aman a wɔyɛ den wɔ mmaa nyinaa. Wɔde wɔn akofena bɛbɔ funtumdadeɛ wɔde wɔn mpea bɛbɔ nsɔsɔwa. Ɔman bi ntwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 4:3
40 Iomraidhean Croise  

Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asase so.


Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.


Mmepɔw bɛsow asomdwoe ama ɔman, na nkoko nso de trenee aba.


Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.


Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wubedi ade, amanaman nyinaa mu.


Wɔ AWURADE anim, na ɔreba, na ɔreba abebu asase atɛn. Ɔrebebu wiase atɛn trenee mu, ne amanaman, ne nokware mu.


AWURADE anim, na ɔreba abebu asase atɛn, obebu wiase atɛn, trenee mu, ne amanaman, atɛntrenee mu.


Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree ntam asɛm, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.


Enti ɔman a ɛyɛ den bɛhyɛ wo anuonyam, amanaman ahoɔdenfo kurow besuro wo.


Me trenee reba ntɛm, me nkwagye afi adi, na m’abasa bebu aman atɛn; me so na nsu ano aman ani da, na me basa na wɔtwɛn.


Na ɔman ne ahenni a ɛrensom wo no begu, saa aman no, ɔsɛe na wɔbɛsɛe wɔn nyinaa.


Habɔdɔm ne oguammaa bedidi faako, na gyata awe wura sɛ nantwi; na ɔwɔ de, dɔte na ɛbɛyɛ n’aduan; wɔrempira na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, AWURADE na ose.


na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa. Asafo AWURADE mmɔdemmɔ na ɛbɛyɛ eyi.


Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.


Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na mebubu ɔta ne nkrante ne akodi afi asase no so, na mama wɔatena dwoodwoo.


na megye wo aware mafa, gyidi so, na woahu AWURADE.


mɛboaboa amanaman nyinaa ano, na mede wɔn mesian maba Yehosafat bon no mu, na me ne wɔn adi asɛm wɔ hɔ, me man ne m’agyapade Israel a wɔabɔ wɔn apete amanaman mu, na wɔakyɛ m’asase no mu nti.


na mede abufuw ne abufuhyew matɔ were, amanaman a wɔantie no so.


Na AWURADE befi adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne koda no.


Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɛbɛba bio sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba,


Na metwitwa nteaseɛnam afi Efraim, ne apɔnkɔ nso afi Yerusalem, na wɔatwa akodi ta nso; na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei.


efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam ɔbarima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama no asɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.


Na mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.


AWURADE atamfo bewie pasaa, na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so. AWURADE bebu asase ano atɛn, ɔde ahoɔden bɛma ne hene, na wama nea wasra no ngo no abɛn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan