Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so; na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Aman bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ so, Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛ yɛn nʼakwan, sɛdeɛ yɛbɛnante soɔ.” Na mmara no bɛfiri Sion aba Awurade asɛm bɛfiri Yerusalem aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so; na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 4:2
35 Iomraidhean Croise  

Wo tumidi poma no, AWURADE fi Sion bɛteɛ. “Di hene w’atamfo mfinimfini!”


Nhyira ne wɔn a wɔn kwan yɛ pɛ, na wɔnam AWURADE mmara so.


M’ano bɛworo w’ayeyi, sɛ wokyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.


M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ AWURADE fi.


Onipa biara a osuro AWURADE no, ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa so.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔw so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na AWURADE asɛm afi Yerusalem.


Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.


mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi, wɔn hyew afɔre ne wɔn kum afɔre bɛsɔ m’ani, m’afɔremuka so; na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa.


Na ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfo bɛteɛm Efraim bepɔw so sɛ: Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn.


na AWURADE wo Nyankopɔn nkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛnnantew so, ne nea yɛnyɛ nso.


Na momma yenhu na yentiw AWURADE nimdeɛ no; wɔasiesie n’adifi sɛ adekyee, na ɔbɛba ama yɛn sɛ obosu, sɛ adonsu a ɛtɔ gu asase so.


Na amanaman a wɔbaa Yerusalem so no nyinaa mu nkae no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo AWURADE, na wɔahyɛ asese fa no.


Na amanaman bebree de wɔn ho bɛba abɛbɔ Awurade ho ɛda no, na wɔayɛ me ɔman; na mɛtena wo mu, na wubehu sɛ asafo Awurade na asoma me wo nkyɛn.


Na metwitwa nteaseɛnam afi Efraim, ne apɔnkɔ nso afi Yerusalem, na wɔatwa akodi ta nso; na ɔbɛka ɔmannwoesɛm akyerɛ amanaman, na n’ahenni befi ɛpo so akɔ ɛpo so, na afi asu ano akosi asase awiei.


Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.


na wɔafa ne din so akɔka adwensakra ne bɔnefakyɛ amansan nyinaa mu, na wobefi ase wɔ Yerusalem.


Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a Onyankopɔn akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛde a, obehu sɛ kyerɛ no fi Nyankopɔn anaasɛ efi m’ankasa me tirim na meka.


na mmom sɛ Honhom Kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano noho.


Na wofi hyiadan mu hɔ fii adi no, wɔsrɛe sɛ homeda foforo wɔmmɛka nsɛm no nkyerɛ wɔn bio.


nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie fi Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia so akodu Iliriko.


Na eyi ne mmara nsɛm, ahyɛde ne atemmude a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no so,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan