Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 3:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Mo na motan papa na modɔ bɔne, mugua wɔn were fi wɔn ho, ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mo a mukyi nea eye na modɔ bɔne moworɔw me nkurɔfo were na motetew nam no fi wɔn nnompe ho;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mo a mokyiri deɛ ɛyɛ na modɔ bɔne moworɔ me nkurɔfoɔ wedeɛ na motete ɛnam no firi wɔn nnompe ho;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Mo na motan papa na modɔ bɔne, mugua wɔn were fi wɔn ho, ne wɔn nam fi wɔn nnompe ho,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 3:2
32 Iomraidhean Croise  

Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: So woahu me, me tamfo? Na ose: Mahu wo, efisɛ woatɔn wo ho ayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Hanani ba Yehu, ɔdehwɛfo no, fi kohyiaa no, na ɔka kyerɛɛ ɔhene Yehosafat sɛ: So ɔbɔnefo na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtan AWURADE no na wodɔ wɔn? Na eyi nti abufuw a efi AWURADE anim da wo so.


N’ankasa n’ani so obu onipa huhuw animtiaa, na odi wɔn a wosuro AWURADE no ni, ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.


So amumɔyɛfo anhu de, wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan, na wɔmfrɛ Onyankopɔn?


Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.


mokyerɛ dɛn sɛ mopɛtɛw me man, na modwɛre abrɛfo anim? AWURADE, asafo AWURADE, asɛm ni.


Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne, wɔn a wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwenenwene yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene!


Mɛka wo trenee ne wo nneyɛe makyerɛ, nso ɛrenyɛ wo mfaso bi.


Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mo atɔfo a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kurow no ne dadesɛn no, na mo de, wobeyi mo afi mu.


Ne mmapɔmma a wɔwɔ so no te sɛ mpataku a wɔtetew hanam, sɛ wobehwie mogya agu na wɔakunkum nnipa, nea ɛbɛyɛ na wɔanya mfaso bɔne adi.


Fa ne nankum nso gu mu, nankum a eye nyinaa, ɔsrɛ ne basa, nnompe a eye nyinaa na fa hyɛ mu ma;


Mudi srade no, na mufura nguan no ho nwi; nea wadɔ no, mukum no; na nguankuw no de, monyɛn wɔn.


Muntie asɛm yi, Basan anantwibere a mowɔ Samaria bepɔw so, mo a mumia abrɛfo na mohyɛ ahiafo so, na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.


Montan bɔne na monnɔ papa, na momma atɛmpa ntim kurow apon mu; ebia AWURADE, asafo Nyankopɔn, behu Yosef nkae no mmɔbɔ.


Nanso mosɔre tia me man sɛ ɔtamfo, na muyi wɔn a wotwam dwoodwoo a wɔmpɛ ɔko no ho ntade so nguguso.


Nnipa pa ayera afi asase so; teefo nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛw mogya, wosunsum wɔn nuanom afiri.


Wɔn nsa nim bɔneyɛ yiye; ɔsafohene bisa biribi, na ɔtemmufo pɛ kɛtɛasehyɛ, na onipa kɛse ka ne kra bɔnepɛ ho asɛm, na wɔbom susuw bɔne.


Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku, wonnyaw biribi nkosi anɔpa.


Na ne manfo tan no, na wɔsomaa abɔfo dii n’akyi sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Ɛnna wɔn nyinaa teɛɛm bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwowtwafo.


Wiase ntumi ntan mo; na me na ɛtan me, efisɛ midi adanse sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.


Na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛfata wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no so.


Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!


wɔn a wonni tema, apamsɛefo, nsekufo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan