Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛda no wɔbebu mo ho bɛ na wɔatwa kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakra no; wagye afi me nsam; otuatewfo na ɔkyɛ yɛn mfuw mu ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa da no, nnipa bɛserew mo. Wɔde saa awerɛhow dwom yi bedi mo ho fɛw se: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfo ahode mu. Ogye fi me nsam! Na ɔde yɛn mfuw ma akɔnkɔnsafo.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛda no wɔbɛbu mo ho bɛ na wɔabe kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakyera. Wagye afiri me nsam; Atuateni na ɔkyɛ yɛn mfuo mu ma no yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɛda no, nnipa bɛsere mo. Wɔde saa awerɛhoɔ dwom yi bɛdi mo ho fɛ sɛ: ‘wɔasɛe yɛn koraa; wɔakyekyɛ me nkurɔfoɔ ahodeɛ mu. Ɔgye firi me nsa mu! Na ɔde yɛn mfuo ma akɔnkɔnsafoɔ.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛda no wɔbebu mo ho bɛ na wɔatwa kwadwom sɛ: Ade ayɛ yɛn! Me man kyɛfa no, wasakra no; wagye afi me nsam; otuatewfo na ɔkyɛ yɛn mfuw mu ma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 2:4
35 Iomraidhean Croise  

Na Dawid twaa Saul ne ne ba Yonatan ho kwadwom yi;


Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofo mmarima ne mmea nyinaa bɔɔ Yosia din wɔ mu de besi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛde Israel mu, na hwɛ, wɔakyerɛw kwadwom no mu.


Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:


wɔbɛbɔ Babel hene akutia sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na ɔhawfo no agyae, na ahoguan no to atwa yi?


Wɔbɛsɛe asase pasaa, na wɔafow no pasaa, efisɛ AWURADE na waka asɛm yi.


Na mise: Oo Awurade, enkosi da bɛn? Na ose: Enkosi sɛ nkurow bɛdan akurofo a obi nte mu, na afi ada ntuw a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ afo koraa,


Sɛ mifi mekɔ wuram a, hwɛ mihu, afoa ano atɔfo; na sɛ meba kurow mu a, hwɛ, ɔkɔm ano atɔfo ni; na odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa kyinkyini asase no so, nso wonnim nea wɔrekɔ.


Hwɛ, ɔreforo aba sɛ amununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a edi kyinhyia. N’apɔnkɔ ho yɛ hare sen akɔre. Yennue! Na yɛawie ɔsɛe.


Na wɔn afi bɛyɛ afoforo de, nsaase ne ɔyerenom nyinaa, na mɛteɛ me nsa maka asase no sofo no, AWURADE asɛm ni.


Ɛno nti mede wɔn yerenom mɛma afoforo, na mama ahɔho afa wɔn mfuw adi; na efi akumaa so kosi ɔkɛse so wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo, efi odiyifo so kosi ɔsɔfo so wɔn nyinaa yɛ nkontompofo.


Mmepɔw no nti mitue osu ne nkɔmmɔdi, na sare so adidibea no nti meto osu dwom, efisɛ ahyew na obi mfa hɔ, na wɔnte mmoakuw nne bio; wim nnomaa ne afieboa nyinaa atutu kɔ.


Na mɛbɔ wɔn mapete amanaman a wɔne wɔn agyanom nhuu wɔn da mu, na mama afoa adi wɔn akyi akosi sɛ mewie wɔn sɛe.


Hwɛ, obiara a obubu mmɛ no bebu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛ ɛna te no, saa na ne ba te.


Na ɔtrɛw mu, m’anim, na wɔakyerɛw emu ne akyiri, na wɔakyerɛw mu kwadwom ne apinisi ne osu.


Asɔfo, mommɔ mo ho so na mommɔ bena, afɔremuka asomfo, muntwa adwo, me Nyankopɔn asomfo, mommra mmɛda ayitam mu anadwo nyinaa. Na aduan ayɛyɛde ne ahwiesa agyae mo Nyankopɔn fi ba.


Twa adwo sɛ ababaa a ofura ayitam ma ne mmabaabere mu kunu.


Muntie asɛm yi a merema so mo ho a ɛyɛ kwadwom, O Israel fi.


Na adwotwa wɔ bobe nturo nyinaa mu, efisɛ mɛsan mafa wo mu, AWURADE na ose.


Maresafo, mede ɔdedifo foforo mɛbrɛ mo; Adulam na Israel anuonyamfo bedu.


Eyi nti mesu na matwa adwo, mɛnantew a mpaboa nni mu, akɔ no adagyaw mu, metue osu sɛ sakraman, na madi nkɔmmɔ sɛ sohori.


Monsɔre na monkɔ! Na ɛha nyɛ mo homebea, esiane efigu a ɔsɛe a ɛso ba no nti.


Hwɛ bere bi reba a wɔn nnommumfafo bɛserew wɔn na wɔadi wɔn ho fɛw sɛ: Nea ɔfow nneɛma bebree fa no w’apoobɔ yi bɛkɔ so akosi da bɛn?


Ɔpra na mɛpra ade nyinaa afi asase ani makɔ, Awurade asɛm ni.


Na ɔkasaa mmebu mu sɛ: Sɔre, Balak, na tie; yɛ aso ma me, Sipor ba.


Na ɔkasae sɛ: Aram na Balak kɔfaa me fii, Moab hene no faa me fii apuei mmepɔw mu sɛ Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua.


Na ɔkasae sɛ: Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n'ani hu ade yiye no asɛm a wanya,


na ɔkasae sɛ Beor ba Bileam asɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a n'ani hu ade yiye no asɛm a wanya,


Na wɔhwehwɛe sɛ wɔkyere no, nanso na wosuro nkurɔfokuw no; na wohui sɛ bɛ a obui no, ɔde wɔn. Na wogyaw no hɔ siim kɔe.


Na wubesinsiane awia ketee sɛ onifuraefo sinsiane sum mu, na w’akwan renwie wo yiye, na ɔhyɛ nko na wɔbɛhyɛ wo afow wo daa nyinaa, na obiara rennye wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan