Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen abusua yi ho bɔne a morentumi nyiyi mo kɔn mfi mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ bere bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene abusua yi ho asɛmmɔne bi a morentumi nyiyi mo kɔn mfiri mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ berɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, sɛnea Awurade se ni, “Meredwene amanehunu a etia saa nkurɔfo yi ho na worentumi nyi wo ho mfi mu. Worentumi nnantew ahantan so bio, efisɛ ɛbɛyɛ bere bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, meredwene abusua yi ho asɛmmɔne bi a morentumi nyiyi mo kɔn mfiri mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ berɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Meredwene amanehunu a ɛtia saa nkurɔfoɔ yi ho na worentumi nnyi wo ho mfiri mu. Worentumi nnante ahantan so bio, ɛfiri sɛ ɛbɛyɛ ɛberɛ bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen abusua yi ho bɔne a morentumi nyiyi mo kɔn mfi mu, na morenyi akyea ahantan so nso, na ɛbɛyɛ bere bɔne.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 2:3
29 Iomraidhean Croise  

na otirimmɔdenfo nni hɔ bio na ahiiyifo asa, na wɔatwa wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm nyinaa akyene,


Na AWURADE aka sɛ: Esiane sɛ Sion mmabea yɛ ahantan na wɔtoto wɔn kɔn deda wɔn ani akyi nantew, na wɔde anammɔn ntiantia nenam ma wɔn nan ase nkaa gyigye nti,


wɔn a wɔka sɛ: Ma ɔnyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yenhu! Na ma Israel kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra mma yenhu.


Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen mo ho bɔne na mapam mo so apam. Mo nyinaa monsan mo akyi mfi mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nsɛnnii nyɛ yiye ɛ!


Na mekasa mekyerɛɛ Yuda hene Sedekia sɛ nsɛm yi nyinaa te sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔndua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa.


Ne saa nti sɛ AWURADE se ni: Mo de, muntiee me ɛ, sɛ mobɛpae ahofadi a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadi mama mo, AWURADE asɛm ni: Mede mo mama afoa ne owuyare ne ɔkɔm; na mɛma asase so ahenni nyinaa aguan mo ho.


Na Yehudi kenkan nhoma abiɛsa anaa anan no, ɔde ɔkyerɛwfo sekan sunsuanee mu, na ɔde guu ogya a ɛwɔ ade no mu no mu kosii sɛ mmobɔwee no nyinaa hyewee, ogya a ɛwɔ ade no mu no mu.


Hosaia ba Asaria ne Karea ba Yohanan ne mmarima ahokyerɛfo no nyinaa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: Atosɛm na woreka yi, AWURADE yɛn Nyankopɔn nsomaa wo sɛ ka sɛ: Monnkɔ Misraim nnkɔsoɛ hɔ ahɔho, ɛ!


Na abusua bɔne yi mu nkae a wɔbɛka nyinaa bɛpɛ owu asen nkwa, wɔn a ɛkae mmaa nyinaa a mituu wɔn mekɔe no, asafo AWURADE asɛm ni.


Ɔde ne nsa akyekyere me mmaratode ayɛ no kɔndua; ɛtoatoa mu gu me kɔn mu, wama m’ahoɔden atu, AWURADE ayi me ahyɛ wɔn a mintumi minnyina wɔn anim no nsa.


AWURADE ayɛ nea osusuwii; wama n’asɛm abam pɛ, n’asɛm a ofi tete mmere no mu hyɛe no; wadwiriw, na wankyɛe so, na wama ɔtamfo ani agye wo ho, wama w’ahohiafo abɛn so.


Wokura yɛn kɔn akyi ka yɛn kɔ; yɛbrɛ, wɔmma yennya ahomeye.


Afei me, Nebukadnesar, mekamfo ɔsoro hene mema no so miyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛe nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee, na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.


Na aguan bɛbɔ ɔhoɔharefo, na ɔhoɔdenfo nso ahoɔden abɔ no, na dɔmmarima rennye ne ho nkwa.


Muntie asɛm yi a AWURADE aka wɔ mo, Israelfo ho, mo a moyɛ mmusua a miyii mo fii Misraim asase so bae no nyinaa ho sɛ:


Mo nko na mahu mo, asase so mmusua nyinaa mu, enti nso, mo na metua mo, mo amumɔyɛ nyinaa so ka.


Ne saa nti ɔba nimdefo mua n’ano, ɛbere no mu, efisɛ ɛyɛ bere bɔne.


Wonnue wɔn a wodwen amumɔyɛsɛm ne wɔn a wosiesie bɔne, wɔn nnae so; anɔpa hann mu wɔyɛ, efisɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu,


a wɔpɛe sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ ma de si me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.


Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.


wobɛsom w’atamfo a AWURADE bɛsoma aba wo so no, ɔkɔm ne osukɔm ne adagyaw ne nneɛma nyinaa mu hia mu; na ɔde dade kɔndua bɛto wo kɔn so akosi sɛ ɔbɛsɛe wo.


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan