Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 1:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase, na abon mu apaepae, sɛ hweawa tetew ogya anim no, te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase, na mmonhwa mu apaepae, sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no, te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mmepɔw nan wɔ nʼase, aku mu paapae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsu a ɛresian waa fi koko so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na mmepɔ bɛnanenane wɔ n’ase, na mmonhwa mu apaepae, sɛdeɛ akraa nane wɔ ogya anim no, te sɛ nsuo a wɔahwie agu deɛ ɛhɔ siane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mmepɔ nane wɔ nʼase, mmɔnhwa mu paepae te sɛ ama a aka ogya, te sɛ nsuo a ɛsiane ɔherɛ so firi kokoɔ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase, na abon mu apaepae, sɛ hweawa tetew ogya anim no, te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 1:4
12 Iomraidhean Croise  

Amanaman yɛ hoo, ahenni wosowosow, ɔma ne nne so ma asase nan.


Sɛ owusiw tu kɔ no, sɛ bɔ wɔn gu ara ne no; sɛ hweawa nan ogya ho no, sɛ abɔnefo bɛsɛe Onyankopɔn anim ne no.


Mmepɔw nan sɛ hweawa AWURADE anim, asase nyinaa Awurade anim.


Na AWURADE, asafo AWURADE, ne nea ɔka asase ma ɛnan na ɛsofo nyinaa di nkɔmmɔ, na ne mu no nyinaa yiri sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asu Nil.


mmepɔw wosow n’anim, na nkoko hono; asase wosow n’anim, yiw wiase ne emutefo nyinaa mpo.


Mmepɔw hu wo a wohinhim; nsu a etue reba; ebun donkudonku ma ne nne so, ɛma ne nsa so kɔ soro;


Ogyina hɔ na ɔwosow asase, ɔhwɛ, na ɔma amanaman ho popo; daa mmepɔw dwiriw, tete nkoko brɛ ase, n’akwan te sɛ tete de.


Na ɛda no, ne nan besisi Ngo-bepɔw a ɛda Yerusalem ntentenso apuei fam no so, na Ngo-bepɔw mfinimfini bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam, na ayɛ obon kɛse pa ara, na bepɔw no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafo fam.


Na mihuu ahengua fitaa kokuroo ne nea ɔte so a asase ne ɔsoro guan n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


AWURADE, wufi Seir bae no, wufi Edom asase so reba no, asase wosowee, ɔsoro nso tuei, omununkum nso tuee nsu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan