Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 1:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na hwɛ, AWURADE refi adi afi n’afa, na wasian abetiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa, na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monhwɛ! Awurade fi nʼatenae reba; ɔresian na ɔnam asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na hwɛ, AWURADE refiri adi afiri n’afa, na wasiane abɛtiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monhwɛ! Awurade firi nʼatenaeɛ reba; ɔresiane na ɔnante asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na hwɛ, AWURADE refi adi afi n’afa, na wasian abetiatia asase sorɔnsorɔmmea so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 1:3
15 Iomraidhean Croise  

Hwɛ ahantanfo nyinaa na brɛ wɔn ase, na tiatia abɔnefo so wɔn tenabea hɔ.


Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, nea ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.


Na AWURADE nsa besi bepɔw yi so; na wobetiatia Moab so n’afa, sɛ wotiatia nwura dodow so wɔ sumina so;


Na hwɛ, AWURADE refi n’afa abɛtwe asase sofo aso, wɔn amumɔyɛ nti; na asase beyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔakum wɔn no so bio.


Ɛnna honhom no maa me so, na metee ɔwosow kɛse nne wɔ m’akyi sɛ: Nhyira ne AWURADE anuonyam! Fi nea ɔte hɔ;


Na hwɛ, nea ɔnwenee mmepɔw na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa nea ɛwɔ n’adwenem no, nea ɔyɛ adekyeehema ne kusuu na otiatia asase sorɔnsorɔmmea so no, Awurade, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Na AWURADE, asafo AWURADE, ne nea ɔka asase ma ɛnan na ɛsofo nyinaa di nkɔmmɔ, na ne mu no nyinaa yiri sɛ Nil, na ɛtwe sɛ Misraim asu Nil.


ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden, na ɔma m’anan yɛ sɛ aforote de, na ɔma menantew sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mma dwonkyerɛfo na wɔnto no m’asanku so.


Na ɛda no, ne nan besisi Ngo-bepɔw a ɛda Yerusalem ntentenso apuei fam no so, na Ngo-bepɔw mfinimfini bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam, na ayɛ obon kɛse pa ara, na bepɔw no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafo fam.


Ɔma ɔfaa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na odii asase so nnɔbae; na ɔma ofew ɛwo fii ɔbotan mu, ne ngo fii abohemmaa mu,


Nhyira ne wo, Israel, hena na ɔte sɛ wo, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagye! Ɔyɛ wo boa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrante. W’atamfo bɛbrɛ wɔn ho ase ama wo, na wo de, wubetiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan