Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mika 1:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, muntie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfo Awurade redi adanse atia mo, ɔkasa fi nʼasɔredan kronkron no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Monyɛ aso, mo nnipa nyinaa, montie, asase ne mo a mote so nyinaa. Otumfoɔ Awurade redi adanseɛ atia mo, ɔkasa firi nʼasɔredan kronkron no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Aman nyinaa, muntie! Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso! Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo, AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mika 1:2
33 Iomraidhean Croise  

Na Mikaia kae sɛ: Sɛ wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie!


Na Mikaia se: Ɔsan de, wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie!


AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu, AWURADE ahengua wɔ ɔsoro, n’ani tua nnipa mma, na n’anisuatɛtɛw kari wɔn hwɛ.


Asase ne n’ade dodow yɛ AWURADE dea, wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa nso.


Sɛ misu mefrɛ wo, na mema me nsa so mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a, tie me nkotɔsrɛ.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, rekasa, na ɔfrɛ asase fi awiapuei de kosi n’atɔe.


Sɛ ɔkɔm de me a, anka merense wo, na wiase ne ne mayɛ wɔ me.


Me man, muntie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebedi wo adanse: Me, Nyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.


Mo mmarima na meteɛm mefrɛ mo, na me nne gyigye ma nnipa mma.


Ɔsoro, muntie, na asase, yɛ aso, na AWURADE akasa. Mma a matetew wɔn na mama wɔn so na wɔn de, wɔabɔ me so ko.


Mo wiasefo ne asase sotefo nyinaa, sɛ wosi mmepɔw so frankaa sɛ nsɛnkyerɛnne a, monhwɛ, na sɛ wɔhyɛn torobɛnto a, muntie.


Na AWURADE Nyankopɔn bɛboa me, enti na ahohora amfa me so; enti na mayɛ m’anim sɛ twɛrebo, na minim sɛ m’ani renwu.


Asase, asase, asase, tie AWURADE asɛm!


esiane sɛ wɔadi nkwaseasɛm Israel, na wɔafofa wɔn mfɛfo yerenom, na wɔaka me din mu atosɛm a menhyɛɛ wɔn ɛ, na me na minim, na mene dansefo, AWURADE asɛm ni.


Na wɔn nso ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: AWURADE nyɛ yɛn nokware dansefo pintinn sɛ AWURADE wo Nyankopɔn asɛm biara a ɔde bɛsoma wo yɛn nkyɛn no, sɛ ɛnyɛ saa na yɛbɛyɛ a, yɛka!


Asase, tie, hwɛ, me na mede bɔne mereba ɔman yi so, wɔn nneyɛe so aba no, efisɛ wɔanyɛ aso amma me nsɛm, na me mmara nso wɔapa.


Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duu wo nkyɛn, yiw w’asɔrefi kronkron hɔ.


Wɔn a wodi atoro ahoni akyi no, pa wɔn dom no.


Na AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron mu; ma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Na moka se: Efi dɛn so? Efisɛ Awurade ayɛ wo ne wo mmerantebere mu yere ntam dansefo, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafo ne w’apam yere no.


Na mɛbɛn mo mabebu atɛn, na mɛyɛ ɔdansefo a ne ho yɛ hare mahyɛ ntafowayifo ne awaresɛefo ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wodi apaafo apaade, okunafo ne ayisaa amim, na wosisi ɔhɔho, na wonsuro me no, asafo Awurade na ose.


Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anom nsɛm!


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, owuprenu renka no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no: Nea odi nkunim no, mɛma no mana a ahintaw no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo a obiara nnim, sɛ nea onya no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafotow no: Nea odi nkunim no, mɛma no nkwadua a esi Nyankopɔn paradise mu no aba bi adi.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no.


Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no.


Na Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: AWURADE nyɛ yɛne wo ntam dansefo. Ampa ara nea wuse yi, ɛno ara na yɛbɛyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan