Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nnipadɔm no huu anwonwade yi no, wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na nkurɔfoɔ akuakuo no hunuiɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nnipadɔm no hunuu anwanwadeɛ yi no, wɔn ho dwirii wɔn yie. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na nkurɔfo akuwakuw no hui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde saa tumi no ama nnipa no anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:8
22 Iomraidhean Croise  

Na nkurɔfo akuwakuw no nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: Ɛnyɛ Dawid ba no ni?


ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.


Na Yesu bae bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Ne saa nti, momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.


Na ɔsɔre siim kɔɔ ne fi.


Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da!


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiriw boroo so, na wɔkae sɛ: Wayɛ ade nyinaa yiye, ɔma asotifo te asɛm, na ɔma mumu kasa.


Na ɔde ne nsa guu no so, na amonom hɔ ara na ɔteɛe ne mu, na oyii Nyankopɔn ayɛ.


Na wɔn mu biako hui sɛ ne ho asan no, ɔsan n’akyi de nne kɛse beyii Nyankopɔn ayɛ,


Wɔanhu wɔn mu biara a ɔsan de anuonyam brɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnanani yi nko?


Na amonom hɔ ara ohuu ade, na odii n’akyi de anuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hui no, wɔde ayeyi maa Onyankopɔn.


Na nguanhwɛfo no san kɔe kɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na woyii no ayɛ wɔ nea wɔtee na wokohui sɛnea wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa nti.


Na asraafo ha so panyin no huu nea aba no, ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ onipa trenee.


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifo kɛse asɔre yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Eyi mu na wɔahyɛ m’Agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo.


Na wɔtee nsɛm yi no, womuaa wɔn ano, na woyii Nyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnne na Onyankopɔn ama amanaman no nso adwensakra a ɛde kɔ nkwa mu.


Na wɔtee no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Onua, wuhu Yudafo mpempem a wɔagye adi a wɔn nyinaa bɔ mmara no ho mmɔden.


Na wɔteɛteɛɛ wɔn bio no, wogyaa wɔn, na ɔman no nti wonhu sɛnea wɔbɛtwe wɔn aso, efisɛ nea aba no nti wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.


Na wɔnam mo som a wohu yi so, bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamye a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu,


Na me nti wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.


na mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wodi mo ho nseku wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, “nsra da no”.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan