Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ: Adɛn nti na modwene bɔne mo akoma mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu huu nea ɛwɔ wɔn adwene mu no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na modwene bɔne wɔ mo koma mu saa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Yesu hunuu wɔn adwene no, ɔkaa sɛ: Adɛn nti na modwene bɔne mo akoma mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu hunuu deɛ ɛwɔ wɔn adwenem no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene bɔne ho saa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu huu wɔn adwene no, ɔkae sɛ: Adɛn nti na mudwen bɔne mo koma mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:4
24 Iomraidhean Croise  

Wo na wunim m’asetena, ne me sɔre, wuhu m’adwenem akyirikyiri.


ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na onim komam ahintasɛm.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre wo komam na woadwen adwemmɔne,


Na ohuu wɔn adwene no, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no dan amamfo; na kurow anaa ofi biara a ɛne ne ho di mpaapaemu no rennyina.


Na ohuu wɔn nyaatwom no, osee wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mosɔ me hwɛ? Momfa denare bi mmrɛ me na menhwɛ!


Na ntɛm ara a Yesu hui ne honhom mu sɛ wɔdwennwene wɔn mu saa no, osee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwennwene eyinom mo koma mu?


Nanso na onim wɔn adwene nti, osee wɔn sɛ: Ahenni biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dan amamfo, na ofi ne fi a edi mpaepaemu no nso bɔ.


Na Yesu huu wɔn adwene no, obua see wɔn sɛ: Ɛdɛn na mususuw mo koma mu?


Nanso ohuu wɔn adwene, enti osee onipa a ne nsa awu no sɛ: Sɔre gyina mfinimfini! Na ɔsɔre gyinae.


Na Yesu bua see no sɛ: Simon, mewɔ asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ose: Kyerɛkyerɛfo, ka!


Ɛnna Yesu hui sɛ wɔpɛ abisa no, na osee wɔn sɛ: Eyi ho na mubisabisa wɔ mo mu, sɛ mekae sɛ: Aka kakraa na munhu me, na bio aka kakraa mubehu me.


Afei yɛahu sɛ wunim nneɛma nyinaa, na enhia wo sɛ obi bisa wo; eyi mu na yegye di sɛ wufii Nyankopɔn nkyɛn na ɛbae.


Osee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛhow sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na obuaa no sɛ: Awurade, wunim ade nyinaa, wunim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛn me nguan!


Na Yesu tee nka ne mu sɛ n’asuafo renwiinwii eyi ho no, osee wɔn sɛ: Eyi to mo hintidua anaa?


Na mo mu binom wɔ hɔ a wonnye nni. Na Yesu nim wɔn a wonnye nni no fi mfiase ne nea obeyi no ama no.


Na Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn na moadi nokoro sɛ morebɛsɔ Awurade Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, wɔn a wokosiee wo kunu no anan tiatia abobow ano, na wɔbɛsoa wo nso afi adi.


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan