Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Oduu hɔ no, ankyɛ biara na nnipa bi de obubuafo bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Na Yesu huu gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubuo a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu hunuu wɔn gyidie no, ɔka kyerɛɛ obubuani no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔduruu hɔ no, ankyɛre biara na nnipa bi de obubuafoɔ bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yadeɛ. Na Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 9:2
32 Iomraidhean Croise  

Kɔ na fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsa, na Onyankopɔn ani asɔ wo nneyɛe dedaw.


Mapopa wo mmarato sɛ omununkum, ne wo bɔne sɛ suwusiw. San bra me nkyɛn, na magye wo.


Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, munnsuro!


Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyare, wɔn a ɔhaw horow akita wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so, wɔn a wɔyare otwa, ne wɔn a wɔyare mmubui nyinaa brɛɛ no na ɔsaa wɔn yare.


na fa yɛn aka kyɛ yɛn, sɛnea yɛde kyɛ wɔn a wɔde yɛn aka.


Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn.


Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.


Na Yesu dan ne ho na ohuu no no, ɔkae sɛ: Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam, wo gyidi agye wo. Na efi dɔn no ara mu na ɔbea no ho yɛɛ no den.


Na nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wɔbɛka sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ wɔbɛka sɛ: Sɔre na nantew?


Na nea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!


Na eduu anwummere a owia kɔtɔe no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.


Na Yesu gyina kae sɛ: Momfrɛ no! Na wɔfrɛɛ onifuraefo no see no sɛ: Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre, ɔrefrɛ wo!


Na osee no sɛ: Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!


na wɔn nyinaa huu no, na wɔn koma tui. Na ntɛm ara ɔne wɔn kasae, na osee wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam! Ɛyɛ me; munnsuro!


Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.


na enhia no sɛ obi di onipa ho adanse; na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.


Ɛnna Yesu bisaa wɔn sɛ: Yaanom, moanya nam anaa? Wobuaa no sɛ: Dabi.


Paulo rekasa, na otie; na Paulo nso hwɛɛ no dinn hui sɛ ɔwɔ gyidi sɛ obedi mu,


na ɛma wɔde ne ho nnukuu anaa nsɛnanim po beguu ayarefo so, na nyarewa no fii wɔn so, na ahonhommɔne fii wɔn mu.


Na anadwo no, Awurade begyinaa ne nkyɛn kae sɛ: Ma wo bo nyɛ duru; na sɛnea woadi me ho adanse Yerusalem ha yi no, saa nso na ɛsɛ sɛ wukodi adanse Roma.


Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, esiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seisei anya mpata yi.


Na ebia obi bɛka se: Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan