Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na me nso meyɛ onipa a mewɔ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na mise oyi sɛ: Kɔ a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo bi sɛ: Bra a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi a, ɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Meyɛ obi a mehyɛ tumi ase, na mesan wɔ asraafo a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforo se ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na mehyɛ me somfo sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara ne no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Meyɛ ɔsraani a mehyɛ tumi ase, na mesane wɔ asraafoɔ a wɔhyɛ mʼase. Meka kyerɛ wɔn mu bi sɛ ɔnkɔ a, ɔkɔ. Meka kyerɛ ɔfoforɔ sɛ ɔmmra a, ɔba. Saa ara nso na sɛ meka kyerɛ mʼabɔfra sɛ ɔnyɛ biribi a, ɔyɛ ara no no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na me nso meyɛ onipa a mewɔ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na mise oyi sɛ: Kɔ a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo bi sɛ: Bra a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi a, ɔyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:9
17 Iomraidhean Croise  

Egyina hɔ nnɛ sɛnea w’ahyɛde te, na nneɛma nyinaa yɛ w’asomfo.


Ogya ne amparuwbo, sukyerɛma ne huruhurow, ahum a ɛyɛ nea n’asɛm se:


Na Yesu tee no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wodi n’akyi no sɛ: Nokware mise mo sɛ, Israel mu mpo minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ pɛn.


Na asraafo ha so panyin no buae sɛ: Owura, mensɛ sɛ wobɛhyɛn me suhyɛ ase, na ka asɛm nko, na m’abofra no ho bɛyɛ no den.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiriw ma wobisabisaa wɔn ho sɛ: Dɛn ni? Nkyerɛkyerɛ foforo! Ɔde tumi hyɛ ahonhom fi po ma wotie no.


Na obegyinaa n’atifi teɛteɛɛ atiridii no, na egyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsom wɔn.


Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi ase, na mewɔ asraafo wɔ m’ase, na sɛ mise oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mise ɔfoforo sɛ: Bra! a, ɔba, na mise m’akoa sɛ: Yɛ eyi! a, ɔyɛ.


Na ɔfrɛɛ dumien no hyiae maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.


Nkoa, muntie mo honam fam wuranom asɛm nneɛma nyinaa mu, ɛnyɛ ani so som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom koma kronn mu, sɛ wɔn a wosuro Awurade.


Nkoa nso, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn wuranom, wɔnsɔ wɔn ani ade nyinaa mu, wonntuatua nsɛm ano,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan