Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Yesu kɔhyɛn Kapernaum no, asraafo ha so panyin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Oduu hɔ no, Roma asraafo ɔha so panyin bi baa ne kyɛn bebuu no nkotodwe kae se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yesu kɔhyɛnee Kapernaum no, asraafoɔ ɔha so panin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu kɔɔ Kapernaum. Ɔduruu hɔ no, Roma asraafoɔ panin bi a ɛdɔm hyɛ nʼase baa ne kyɛn bɛbuu no nkotodwe kaa sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yesu kɔhyɛn Kapernaum no, asraafo ha so panyin bi baa ne nkyɛn bɛsrɛɛ no

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:5
15 Iomraidhean Croise  

Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; efisɛ tumide a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sidon a, anka ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.


Na asraafo ha so panyin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no huu asasewosow ne nneɛma a esisii no, wosuroe pii kae sɛ: Ampa ara Onyame ba ni!


Na ofii Nasaret kɔtenaa Kapernaum a ɛwɔ mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so,


Na ɔtenaa ɔkorow mu twa baa n’ankasa ne kurom.


Na asraafo ha so panyin a ogyina n’anim ntentenso no tee sɛ ɔteɛɛm saa na ɔrewu no, ɔkae sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Onyame ba!


Na nna bi akyi no, ɔkɔɔ Kapernaum bio, na wɔtee sɛ ɔwɔ ofie.


Na wɔde nhama kyekyeree no no, Paulo bisaa ɔha so panyin a ogyina hɔ no sɛ: Mowɔ ho kwan sɛ moka onipa a ɔyɛ Romani na wommuu no fɔ mpire anaa?


Na Paulo frɛɛ ɔha so mpanyin no mu biako kae sɛ: Fa aberante yi kɔ ɔsafohene nkyɛn; na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.


Na ɔfrɛɛ asraafo ha so mpanyin no mu baanu bi kae sɛ: Munsiesie asraafo ahanu apɔnkɔfo aduɔsɔn, ne peawkurafo ahanu, anadwo bɛyɛ nnɔnkron bere mu mma Kaesare.


Na anafo mframa fii ase bɔe no, ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn nsa aka nea wɔde sii wɔn anim no, na wotuu sɛkyɛ nam ano ano a wɔbɛn Krete.


Paulo ka kyerɛɛ asraafo ha so panyin ne asraafo no sɛ: Sɛ eyinom antena hyɛn yi mu de a, morennya nkwa.


Nanso asraafo ha so panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nti, wamma wɔanyɛ nea wosusuwii no, na ɔhyɛe sɛ wɔn a wobetumi aguare mfa wɔn ho ngu po mu kan nsi fam.


Nso Lida bɛn Yopa nti, asuafo no tee sɛ Petro wɔ hɔ no, wɔsomaa nnipa baanu kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔnntwentwɛn ne nan ase, na ɔmmra wɔn nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan