Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na bɔ afɔre a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansede no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ wɔmmɔ sɛ adansedie no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, na kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na kɔma ayɛyɛde a Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:4
31 Iomraidhean Croise  

AWURADE trenee nti na ɛsɔɔ n’ani sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛse na anya anuonyam.


na sɛ ntotowee no biri anaasɛ ɛbere ntama anaa nhoma no anaa nsa anaa mfa no anaa ade biara a wɔde nhoma ayɛ mu a, ɛyɛ kwata ntotowee, wɔmma ɔsɔfo no nhwɛ.


Na me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahemfo anim na adi adanse akyerɛ wɔn ne amanaman.


Ɛnna ɔhyɛɛ asuafo no ketee sɛ wɔnnka nnkyerɛ obiara sɛ ɔno ne Kristo no.


Na wofi bepɔw no so resian no, Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monnka ade a moahu yi nnkyerɛ obiara kosi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afi awufo mu.


Na Yesu bua see no sɛ: Mprempren de, ma ho kwan; na ɛnam eyi so na yɛhyɛ trenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Munnsusuw sɛ mebae sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifo no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ no ma.


Monhwɛ yiye na moanyɛ mo trenee nnipa anim sɛ wobehu mo; anyɛ saa a, munni akatua mo agya a ɔwɔ soro no nkyɛn.


Na wɔn aniwa buebuei. Na Yesu hyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na obiara ante!


Na mo de, monhwɛ mo ho so yiye! Na wobeyi mo ama mpanyimfo bagua, na wɔahwe mo hyia adan mu, na me nti wɔde mo begyina amradofo ne ahemfo anim na moadi adanse akyerɛ wɔn.


Na ɔbraa wɔn ketee sɛ wonnyi no nkyerɛ.


Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni.


Na wɔn a wɔrennye mo na wɔrentie mo asɛm no, sɛ mufi hɔ rekɔ a, momporoporow mo nan ase tutuw nni wɔn adanse.


Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nkyerɛ obiara; nanso mpɛn dodow a ɔkɔ so bra wɔn no, na wɔkɔ so pae mu ka.


Na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka ne ho asɛm nnkyerɛ obiara.


Na wɔresian bepɔw no, ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea wohui no nnkyerɛ obiara, gye sɛ onipa ba no asɔre afi awufo mu ansa.


Na ohuu wɔn no, osee wɔn sɛ: Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfo. Na ɛbae sɛ wɔrekɔ no, wɔn ho fii.


na mode adi me ho adanse.


Na ahonhommɔne nso fii nnipa pii mu kɔe, na wɔteɛɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteɛteɛɛ wɔn, wamma wɔankasa, efisɛ wonim sɛ ɔne Kristo no.


Na ɔbraa no sɛɔnnka nnkyerɛ obiara; na ose: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma sɛnea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ wɔn adanse.


Na ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw; na ɔbraa wɔn sɛ wɔnnka nea aba yi nnkyerɛ obiara.


Na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa ketee braa wɔn sɛ wɔnnka eyi nnkyerɛ obiara


Minnye anuonyam mfi nnipa nkyɛn,


Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.


Me de, menhwehwɛ m’ankasa m’anuonyam; obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ na obu atɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan