Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotow no srɛɛ no se, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yare.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi ba bɛkotoo no kaa sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wobɛtumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɔkwatani bi baa Yesu nkyɛn bɛkotoo no, srɛɛ no sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na hwɛ, ɔkwatani bi bae bɛkotow no kae sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:2
37 Iomraidhean Croise  

Na me de, ɛnnɛ meyɛ mmerɛw na wɔasra me asi me hene; na mmarima yi, Seruia mma yi, yɛ den ma me. AWURADE ntua nea ɔyɛ bɔne no ka sɛnea ne bɔne te.


Na AWURADE bɔɔ ɔhene no ma ɔyaree kwata de kosii ne wuda; na ɔkɔtenaa ofi foforo a ne nkutoo te mu, na ɔhene ba Yotam na odii ofi no so na ɔyɛɛ ɔkannifo wɔ asase no so.


Na Siria hene sahene Naaman yɛ onipa kɛse ne wura anim, na ɔwɔ anuonyam, efisɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a otumi, nso ɔyare kwata.


Na Naaman kwata no bɛfam wo ne w’asefo ho daa. Na ofii n’anim fii adi, na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛma.


Na omununkum no fii ntamadan no so, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛma. Na Aaron dan n'ani hwɛɛ Miriam, no hwɛ, na wayare kwata.


Monsa ayarefo yare, munnyan awufo, momma akwatafo ho mfi, muntu ahonhommɔne; munyaa no kwa, na momfa mma kwa!


Na wɔn gye a wonnye nni nti wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.


Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.


Na ɔbea no bae bɛkotow no sɛ: Awurade, boa me!


Ɛnna akoa no gyaa ne ho too fam srɛɛ no sɛ: Owura, tɔ wo bo ase ma me, na metua wo ne nyinaa.


Na wɔkɔɔ dan no mu no, wohuu abofra no ne ne na Maria, na wɔkotow sɔree no; na wobuee wɔn fotow so yɛɛ no ayɛ, sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow.


Ɛnna Sebedeo mma no na, ne ne mma baa ne nkyɛn bɛkotow no, na ɔsrɛɛ ne hɔ biribi.


Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani fi no,


Na wohuu no no, wɔkotow sɔree no; na ebinom gyee akyinnye.


Na hwɛ, Yesu hyiaa wɔn kae sɛ: Mema mo amo! Na wɔbae besusoo n’anan kotow sɔree no.


na osee no sɛ: Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa bɛma wo.


Na ofi bepɔw no so sianee no, nkurɔfo akuwakuw pii dii n’akyi.


Na wɔbaa ne nkyɛn benyan no sɛ: Awurade, gye yɛn, na yɛreyera!


Ɔreka eyinom akyerɛ wɔn no, hwɛ, ɔpanyin biako bi bae bɛkotow sɔree no kae sɛ: Sesɛɛ me babea awu, na bra, na fa wo nsa bɛto no so, na obenya nkwa.


Na odiyifo Elisa bere so no akwatafo pii wɔ Israel de, nanso wɔamma wɔn mu biara ho amfi sɛ Siriani Naaman.


Na ose: Migye midi, Awurade! Na ɔkotow sɔree no.


Na Petro se: Dabida, Awurade, efisɛ minnii biribi a wokyi anaasɛ ɛho ntew da.


Petro fitii ara pɛ na Kornelio kohyiaa no, hwee ne nan ase sɔree no.


na ne komam ahintasɛm no ada adi, na ɔde saa akotow de n’anim abutuw fam asɔre Nyankopɔn, aka sɛ Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.


Na mehwee ne nan ase mekotow no. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ sa, meyɛ w’awurakwaa ne wo nuanom a wokura Yesu adanse no mu bi. Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan