Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 8:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Saa da no anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkae no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yerae, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yadeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Saa ɛda no anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne pii brɛɛ Yesu. Nʼanom asɛm a ɔkaeɛ no maa ahonhommɔne no nyinaa tu yeraeɛ, na wɔn a wɔyare no nyinaa nso ho tɔɔ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na eduu anwummere no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’anom asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yare.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 8:16
17 Iomraidhean Croise  

na ɔkae sɛ: Sɛ otie na wubetie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n'ahyɛde nyinaa so a, ɛnne meremfa ɔyare a mede miguu Misraim so no biara mingu wo so: na mene AWURADE, wo yaresafo no.


Ɛnna wɔde obi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ onifuraefo ne mum brɛɛ no, na ɔsaa no yare maa mum no kasae, na ohuu ade.


Na osii fam behuu nkurɔfo pii, na wɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔsaa wɔn mu ayarefo yare.


Na osoo ne nsa, na atiridii no gyaa no, na ɔsɔre som no.


Na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no guanguanee, na wɔkɔɔ kurow no mu kɔkaa ne nyinaa ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so no ho asɛm kyerɛe.


Na hwɛ, wɔde onipa bi a ɔyare mmubui a ɔda kɛtɛ so brɛɛ no. Na Yesu huu wɔn gyidi no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: Ɔba, ma wo bo ntɔ wo yam; wɔde wo bɔne akyɛ wo.


Na wɔde obi a ɔyare mmubui a nnipa baanan so no brɛɛ no.


Efisɛ wase no sɛ: Wo honhom fi, fi onipa no mu!


Na Yesu hui sɛ nkurɔfokuw no de mmirika reba no, ɔteɛteɛɛ honhom fi no sɛ: Wo honhom mum ne sotifo, mehyɛ wo sɛ, fi no mu, na nsan nkɔ ne mu bio!


Na Yesu huu no no, ɔfrɛɛ no, na osee no sɛ: Ɔbea, wɔasan wo afi wo ahoɔmmerɛw mu.


Na owia retɔ no, wɔn a wɔwɔ ayarefo a nyarewa horow haw wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ no; na ɔde ne nsa guu wɔn nyinaa so mmiako mmiako saa wɔn yare.


Na ahonhommɔne nso fii nnipa pii mu kɔe, na wɔteɛɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteɛteɛɛ wɔn, wamma wɔankasa, efisɛ wonim sɛ ɔne Kristo no.


Na ɛma wɔde ayarefo fii adi baa mprama so bɛtotoo mpa ne kɛtɛ so, na sɛ Petro retwam a, ne sunsuma atɔ wɔn mu bi so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan