Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 7:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobebue mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mompem, na wɔbɛbue mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 7:7
43 Iomraidhean Croise  

Na da no ara Isak nkoa bae bɛkaa no abura a wotui no ho asɛm sɛ: Yɛato nsu.


Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Solomon anadwo dae mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kae sɛ: Srɛ nea memma wo.


AWURADE, wobetie nea ahobrɛasefo pɛ, wohyɛ wɔn koma den, na woama w'aso aba so


Ɔbɔnefo dwa n’anom ka sɛ: Hwee mfa me ho. Onyankopɔn bi nni baabi. N’adwene nyinaa ne no.


Nhyira ne wo, AWURADE, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde.


Woaka sɛ: Monhwehwɛ m’anim nti, me koma se wo sɛ: AWURADE, w’anim na merehwehwɛ.


Mahwehwɛ AWURADE, na wabua me, na wagye me afi nea misuro nyinaa mu.


na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo nea wo koma pɛ.


na frɛ me hiada mu, na megye wo na woahyɛ me anuonyam.


Ahobrɛasefo hu a, wɔn ani begye; mo a mohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, mo koma nnya nkwa.


Ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nni ahurusi, na wɔn ani nnye wo ho, na ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka daa sɛ: Ma wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.


Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.


Me de, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Eyi de, mɛsɔre makyin kurow mu, mmɔnten so ne gua so. Mehwehwɛɛ nea me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.


Na ɔman no bɛtena Sion, wɔ Yerusalem; na worensu bio; ɔdom na ɔbɛdom wo atie wo nteɛm no; ɔte ara pɛ a, obegye wo so.


Frɛ me, na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunhui ɛ.


Na sɛ AWURADE ka kyerɛ Israel fi ni: Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa.


Bio, nokware mise mo sɛ, mo mu baanu yɛ anokoro asase so asɛm biara a mubebisa ho a, m’agya a ɔwɔ soro bɛyɛ ama mo.


Na biribiara a mubebisa mpaebɔ mu na mugye di no, mubenya.


Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.


Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?


Na obiara a obisa no, onya, na nea ɔhwehwɛ no, ohu, na nea ɔpem no, wohiɛ no.


Eyi nti mise mo sɛ: Ade biara a mobɛsrɛ mo mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mubenya, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.


Efi bere a ofiwura no bɛsɔre ato pon mu no ara na mubefi ase agyina akyiri, na moabɔ ɔpon akyi sɛ: Owura, hiɛ yɛn! Na obebua mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi.


Na obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ na monkɔsow aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ ama mo.


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wunim Onyankopɔn akyɛde ne nea ose wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wubebisa no, na wama wo nkwa nsu.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa;


Obiara nni hɔ a ɔwɔ ntease, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.


Na sɛ gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ, ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.


Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na Awurade bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde bekyɛ no.


na biribiara a yɛsrɛ no, yenya fi ne nkyɛn, efisɛ yedi n’ahyɛde so, na yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan