Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 7:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nea mode yɛ afoforo no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Deɛ mode yɛ afoforɔ no, ɛno ara na wɔde bɛyɛ mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 7:2
19 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔbarima a ɔdwerɛw yɛn a otuu yɛn tiri so agyina sɛ wɔnsɛe yɛn na yɛannya Israel asase biara so antena no,


Sɛ ɔdɔɔ nnuabɔ nti, aba no so, sɛ wampɛ nhyira nti, ɛne no ntam pan.


aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu,


Due, ɔsɛefo a wo de, wɔnsɛee wo ɛ, wo ɔfatwafo a wɔmfaa wo ntwae ɛ! Sɛ wuwie ɔsɛe no a, wɔbɛsɛe wo na sɛ wunya wie ɔfatwa a, wɔde wo betwa so.


Ne saa nti sɛ AWURADE se ni: Mo de, muntiee me ɛ, sɛ mobɛpae ahofadi a obiara bɛma ne nua ne ne yɔnko kwan. Hwɛ, me nso merepae ahofadi mama mo, AWURADE asɛm ni: Mede mo mama afoa ne owuyare ne ɔkɔm; na mɛma asase so ahenni nyinaa aguan mo ho.


Na metua Babel ne Kaldeafo nyinaa nnebɔne a wɔde ayɛ Sion no nyinaa so ka, a mo ani tua mu, AWURADE asɛm ni.


Na AWURADE da no abɛn, amanaman nyinaa so; sɛnea woyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wo, wo nneyɛe bɛsan abebua w’atifi.


Na sɛ mode nnipa mfomso kyɛ wɔn a, mo soro agya de mo de bɛkyɛ mo nso.


Na osee wɔn sɛ: Monhwɛ yiye nea mote no ho! Susukora ko a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.


Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.


Na eyi de, nea odua no nkyekye mu no betwa no nkyekye mu, na nea odua no bafuu so no betwa no bafuu.


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no.


Ɛnna Adoni-besek kae sɛ: Ahene aduɔsɔn a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobeti atwitwa tasetasee me pon ase; sɛ meyɛe no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na obewuu wɔ hɔ.


Ɔtew hwee ne nan ase daa hɔ, ɔtew hwee ne nan ase; nea ɔtew hwee no, ɛhɔ ara na owui.


Na Samuel se: Sɛ wo nkrante maa mmea dii mmasigyaw no, saa ara nso na wo na bedi basigyaw mmea mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan