Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 7:11 - KYERƐW KRONKRON

11 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ momma mo mma nnepa a, mprɛ ahe na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wɔbisa no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo mpo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma wɔn a wobisa no no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

11 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ momma mo mma nnepa a, mprɛ ahe na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wɔbisa no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na sɛ mo a moyɛ nnebɔneyɛfoɔ mpo nim sɛdeɛ moma mo mma nnepa a, ɛbɛyɛ dɛn na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no mfa nnepa mma ne mma a wɔbisa no no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea moma mo mma nnepa a, mpɛn ahe na mo agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wobisa no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 7:11
35 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi.


Nanso eyi da so yɛ w’ani so ketewa, O AWURADE Nyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm nso akyerɛ w’akoa fi, na woakyerɛ me awo ntoatoaso a ɛbɛba, O Awurade Nyankopɔn.


Na menne nea ne ho yɛ nwini na waporɔw, onipa a ɔnom amumɔyɛ sɛ nsu.


Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn. AWURADE ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.


Nso AWURADE bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.


Na wo, Awurade, woyɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfo, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔe ne wo nokware dɔɔso.


Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.


So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho? Sɛ eyinom werɛ befi po a, me de, me werɛ remfi wo.


Mɛbɔ AWURADE adɔeyɛ din, AWURADE ayeyide no, sɛ ɛfata nea AWURADE ne yɛn adi no nyinaa, na maka Israel fi yiye pii a ɔde ayɛ wɔn no, sɛ n’ayamhyehye ne n’adɔeyɛde dodow no te no.


Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara, hena na obenya mu ahuye?


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm ni, sɛ mɛma asɛmpa a mekae Israel fi ne Yuda fi ho no abam.


Momfa nsɛm nkura nsan mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumɔyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anatwinini mmɛbɔ afɔre.


Hena ne Onyankopɔn sɛ wo a wode amumɔyɛ kyɛ na wutwa mmarato ho ma w’agyapade nkae no? Ɔrenso n’abufuw mu daa, na adɔe mmom na ɔpɛ;


Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni, na sɛ agya ne me a, me nidi wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo Awurade na ɔka akyerɛ mo, asɔfo a mubu me din animtiaa. Na moka se: Ɛdɛn mu na yebu wo din animtiaa?


Na mommfrɛ obiara mo agya asase so; na obiako ne mo agya, ɔne nea ɔwɔ soro no.


Anaasɛ obisa no apataa a, ɔbɛma no ɔwɔ?


Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.


Na yenim sɛ biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Onyankopɔn atemmu mu.


Ɛnne na ɛdɛn? Yɛn Yudafo sen eyinom anaa? Yɛnsen wɔn koraa. Na yɛde kan nsɛm no akyekyere Yudafo ne Helafo nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,


Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Nanso kyerɛw no aka nneɛma nyinaa ahyɛ bɔne ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bɔhyɛ no afi Yesu Kristo ho gyidi mu ama wɔn a wogye di.


Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu.


Monhwɛ ɔdɔ ko a Agya no de akyɛ yɛn, sɛ wɔmfrɛ yɛn Nyankopɔn mma, na yɛyɛ nso. Eyi nti wiase nhu yɛn, efisɛ enhuu no.


Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne Ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan