Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 6:4 - KYERƐW KRONKRON

4 na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 na wʼagya a onim kokoa mu nsɛm nyinaa no betua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 na w’adɔeɛ aka kokoam, na w’agya a ɔhunu kokoam no bɛtua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 na wʼagya a ɔnim kɔkoam nsɛm nyinaa no bɛtua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 na w’adɔe aka kokoam, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 6:4
19 Iomraidhean Croise  

esum nso nnuru sum mma wo, na anadwo haran sɛ awia, esum ne hann yɛ wo pɛ.


Sɛ wosɔ me koma hwɛ na wohwehwɛ mu anadwo, na wonan me yiyi mu, a worenhu me mu bɔne bi. Mabɔ me tirim sɛ meremma asɛmmɔne mfi m’ano.


ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛhwehwɛ? Na ɔno na onim komam ahintasɛm.


na wobɛsɔ nsramma agu n’atifi, na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ, na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.


Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mehyɛ no mama anaa? AWURADE asɛm ni.


Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu biako nsuonwini kuruwa ma osuani din mu no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.


na nnipa anhu sɛ woredi abuada, na mmom w’agya a ɔwɔ kokoam no; na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


Na wo de, woyɛ adɔe a, mma wo benkum nnhu nea wo nifa reyɛ no;


Na wo de, worebɔ mpae a, hyɛn wo pia mu, na to wo pon mu bɔ w’agya a ɔwɔ kokoam no mpae, na w’agya a ohu kokoam no betua wo ka.


na woanya nhyira; efisɛ wonni nea wɔde betua wo so ka. Na atreneefo sɔre mu na wobetua wo so ka.


Na biribi nni kokoam a wɔrenyi no adi, na ahintaw a wɔrenhu na ɛrenna adi.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn, kosi sɛ bere no bedu ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde nea ahintaw sum mu bɛba hann mu, na wayi komam agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyi bɛma no.


Na abɔde biara nni hɔ a ɛnna adi Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi n’anuonyam anim, sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no,


Na mede owu mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ, mene nea ɔhwehwɛ adwene ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan