Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 6:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ woyɛ papa a mmɔ no dawuru sɛnea nyaatwomfo yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔnten so no. Merema mo ate sɛ saa nnipa no anya wɔn akatua dedaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Sɛ woyɛ papa a, mmɔ no dawuro sɛdeɛ nyaatwomfoɔ yɛ wɔ asɔredan mu ne mmɔntene so no. Merema mo ate sɛ, saa nnipa no anya wɔn akatua dada.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Enti sɛ woyɛ adɔe a, nhyɛn torobɛnto nni w’anim, sɛnea nyaatwomfo no yɛ no hyiadan mu ne mmorɔn so, sɛnea wobenya nnipa anim anuonyam. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 6:2
56 Iomraidhean Croise  

Ɔtow pete, ɔyɛ ahiafo yiye; ne trenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, anuonyam mu.


Ɔbɔnefo fɛm, na ontua, na ɔtreneeni hu mmɔbɔ, na ɔma.


Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm AWURADE, na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeyɛ, na onipa ɔnokwafo de, hena na obehu no?


Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.


Ɔman nkɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.


Ɛno ɛnyɛ eyi nso: Sɛ wububu w’abodoo ma nea odi kɔm, na wode mmɔborɔfo, ohiani, ba wo fi, sɛ wuhu dagyafo a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhintaw wo yɔnko?


Enti Awurade annya wɔn mmerante ho anigye, na ne yam anhyehye no wɔn nyisaa ne wɔn akunafo ho, na wɔn nyinaa yɛ nkɔnkɔnsafo ne nnebɔneyɛfo, na ano nyinaa ka agyennyentwisɛm. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Fa torobɛnto tua w’ano. Ɛbɛba AWURADE fi so sɛ ɔkɔre, efisɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Nyaatwomfo! Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:


Na anɔpa muse: Ahum betu nnɛ, efisɛ ɔsoro abere, na ayɛ kusuu. Munim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmere no ho nsɛnkyerɛnne de, muntumi nkyerɛ mu?


Na Yesu huu wɔn amumɔyɛ no, ɔkae se: Mo nyaatwomfo, adɛn na mosɔ me hwɛ?


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛnea nnipa behu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkae nhoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntade ano nnwow akɛse.


Na wɔpɛ mpanyimfo tenabea adidi ase, ne mpanyimfo nkongua hyiadan mu,


na wabetwitwa ne mu asinasin, na wama ɔno ne nyaatwomfo anya kyɛfa. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


Na nokware mise mo sɛ, ɔsoro ne asase nnya ntwaa mu yi, akyerɛwde ketewaa biako anaa nsensanee biako po remfi mmara no mu ntwa mu, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Na wo de, woyɛ adɔe a, mma wo benkum nnhu nea wo nifa reyɛ no;


Na sɛ morebɔ mpae a, monnyɛ sɛ nyaatwomfo no; na wɔpɛ sɛ wogyina hyiadan mu ne mmɔnten twea so bɔ mpae, na nnipa ahu wɔn. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’ani so kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi dua no afi wo nua ani so.


ne mpanyimfo nkongua hyia adan mu ne mpanyimfo tenabea adidi ase ho;


Na obua see wɔn sɛ: Edi sɛ Yesaia hyɛɛ mo nyaatwomfo ho nkɔm, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔman yi de wɔn ano na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.


Na hwɛ, nea ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔe; ɛno na ne nyinaa ho befi ama mo.


Mo Farisifo, munnue, sɛ mopɛ mpanyin tenabere hyia adan mu ne gua so nkyia.


Montɔn nea mowɔ mfa nyɛ adɔe, monyɛ sika nkotoku a ɛrenyɛ dedaw mfa, ɛne agyapade a ɛrensa da ɔsoro, nea owifo mma ho, na nwewee nsɛe no.


Nyaatwomfo! Munim asase ne ɔsoro ani nneɛma asekyerɛ, na adɛn na munhu bere yi nso asekyerɛ?


Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda?


Monhwɛ mo ho yiye Akyerɛwfo a wɔpɛ ntade atenten mu nantew, na wɔpɛ gua so nkyia ne mpanyin nkongua hyia adan mu ne mpanyin tenabea adidi ase no ho;


Nanso mo a moyɛ adefo de, munnue! Na moanya mo awerɛkyekye dedaw.


Ɛbɛyɛ dɛn na wubetumi aka akyerɛ wo nua sɛ: Onua, ma minyi duaa a ɛda w’aniwa so no! Na wo ankasa aniwa so mpuran de, wunhu? Nyaatwomni, yi mpuran no fi w’aniwa so kan, ansa na woahu ade yiye de ayi wo nua aniwa so duaa.


Na ebinom susuwii sɛ Yuda kura kotoku no nti na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔtotɔ nea ehia yɛn sie afahyɛ no, anaasɛ ɔmfa biribi mma ahiafo.


Minnye anuonyam mfi nnipa nkyɛn,


Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mugye anuonyam mo ho mo ho nkyɛn betumi agye adi, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn anuonyam de, monhwehwɛ?


Nea ɔbɔ n’ankasa ne tirim kasa no hwehwɛ n’ankasa anuonyam; na nea ɔhwehwɛ nea ɔsomaa no no anuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafo, na nea ɛnteɛ nni no mu.


Ɔyɛ nyamesuroni, ɔne ne fifo nyinaa, na ɔyɛ mmɔborohunu ade bebree ma nkurɔfo no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpae daa.


na ose: Kornelio, wɔatie wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborohunu ade no Onyankopɔn anim.


Na ɔhwɛɛ no dinn, na osuroe. Na ose: Ɛyɛ dɛn, Awura? Na osee no sɛ: Wo mpaebɔ ne wo mmɔborohunu ade no aforo ɔsoro abɛyɛ nkae Onyankopɔn anim.


Na asuafo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔn nyinaa mmiako mmiako de biribi bɛmena anuanom a wɔte Yudea no, sɛnea wɔn mu biara betumi, na wɔde ahwɛ wɔn.


Na mfirihyia bebree akyi no, mebae sɛ mede ayɛyɛde mebrɛ me man na mabɛbɔ afɔre;


Nso na osuani bea bi wɔ Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka, Ɔbea yi na nnwuma pa ne mmɔborohunu ade a ɔyɛe no ayɛ no ma.


Sɛ ɔfotufo a, ma ɔntena n’afotu mu ntu fo. Sɛ ademukyɛfo a, ma onyi ne yam nkyɛ ade. Sɛ mpaninni a, ma ɔmmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborohunufo a, ma ɔmfa animtew nyɛ.


Na sɛ meporow m’ahode nyinaa mema ahiafo, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso biara.


gye ahiafo nko na wɔsrɛe sɛ yɛnkae wɔn. Na ɛno nso na mebɔɔ ho mmɔden sɛ mɛyɛ.


Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.


anaasɛ yɛanhwehwɛ nnipa anim anuonyam amfi mo anaa afoforo nkyɛn;


sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsam ngow,


Me nua, mewɔ wo dɔ ho anigye ne awerɛkyekye bebree, sɛ woama ahotefo no akoma atɔ wɔn yam.


Na yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mmpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na ayeyi ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Ɛnna ose: Mayɛ bɔne de, nanso afei di me ni me man mpanyin ne Israel anim: Wo ne me nsan nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan