Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wobehu Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wobehu Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Nhyira ne wɔn a wɔn koma mu tew, na wɔn na wobehu Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:8
25 Iomraidhean Croise  

Na Yakob too hɔ din Peniel, ase ne: efisɛ ose: Me ne Nyankopɔn adi nhuanim nso me kra anya nkwa.


Nea ɔtew ne ho na wobɛtew wo ho akyerɛ no, na ɔkɔntɔnkyefo de wubekyinkyim wo ho akyerɛ no.


Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.


Nea ɔtew ne ho na wobɛtew wo ho akyerɛ no, na ɔkɔntɔnkyefo de, wukyinkyim wo ho kyerɛ no.


Nea efi nni ne nsam na ne komam tew, nea ɔmma ne kra so mma ahuhude, na ɔnka ntanhunu.


Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.


Hwɛ, wopɛ nokware, m’asaabo mu, na ma minhu nyansa me mu ahintawee mu.


Ampa ara, Onyankopɔn ye ma Israel, ma wɔn a wɔn komam tew.


Nea ɔdɔ koma mu tew na n’anom kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene.


wamma ansono yɛne wɔn, na mmom ɔnam gyidi so tew wɔn komam.


Na sesɛɛ de, yɛnam ahwehwɛ so hu ade wɔ bɛ mu, na ɛno mu de, anim ne anim; sesɛɛ de, mihu ade fa-ne-fa, na ɛno mu de, mehu ade mua sɛnea wɔahu me nso yi.


Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfo, momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.


Ade nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew; na wɔn a wɔn ho aba fi na wonnye nni no de, hwee ho ntew mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi.


momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mu mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn koma ho afi ahonim bɔne mu, na wɔde nsu krogyenn aguare wɔn nipadua.


Munni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoe ne ahotew a obi kwati a, ɔrenhu Awurade no akyi.


mpɛn ahe ara na Kristo a ɔnam daa honhom so de ne ho bɔɔ afɔre, a ɛho nni dɛm maa Onyankopɔn no mogya rentew mo ahonim ho mfi nnwuma funu mu nkɔsom Onyankopɔn a ɔte ase?


Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom.


Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo adwene yɛ ntanta!


Montew mo kra ho, nokware tie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na mumfi koma mu nnodɔ mo ho mo ho dennen.


na wobehu n’anim, na ne din wɔ wɔn moma so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan