Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Nhyira ne mmɔborohunufo, na wɔn na wobehu wɔn mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Nhyira ne wɔn a wohu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn behu wɔn mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Nhyira ne mmɔborɔhunufoɔ, na wɔn na wɔbɛhu wɔn mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nhyira ne wɔn a wɔhunu mmɔbɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛhunu wɔn mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Nhyira ne mmɔborohunufo, na wɔn na wobehu wɔn mmɔbɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:7
37 Iomraidhean Croise  

de mpa, ne nsanka ne nkuku, ne awi ne atoko, ne asikresam ne nkyeweɛ ne asɛ ne asɛdua


Adɔeyɛfo na wo ne no bedi no adɔe so, ɔbarima a odi mu na wo ne no bedi no mudi so.


Hann pue sum mu ma nnipa trenee, ɔne ɔdomfo, mmɔborohunufo ne ɔtreneeni.


Ɔtow pete, ɔyɛ ahiafo yiye; ne trenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, anuonyam mu.


Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwarem, onipa a odi mu na wo ne no bedi no mudi so.


Ohu mmɔbɔ daa, na ɔde fɛm, na n’asefo nso yɛ nhyira.


Ɔyamyefo yɛ ne kra yiye, na otirimmɔdenfo haw n’ankasa honam.


Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.


Nea obu ne yɔnko animtiaa yɛ bɔne, na nhyira ne nea ohu amanehunufo mmɔbɔ.


Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm AWURADE, na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


Ɔtreneeni yera, na obi mfa nhyɛ ne koma mu, na wɔfa nnipa pa kɔ, na obi nte ase, na woyi ɔtreneeni no kɔ, fi bɔne a ɛbɛba no anim.


Enti, ɔhene, ma m’afotu nyɛ wo fɛ, na fa trenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafo ayɛyɛ sesa w’amumɔyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiyedi akyɛ.


Na onyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabea; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama ase ne: Nea wɔanhu no mmɔbɔ, na merenna so minhu Israel fi mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.


Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ami ase ne sɛ: Me man! Ne mo nuammeanom sɛ: Ruhama ase ne sɛ: Nea wɔahu no mmɔbɔ!


Na medua no mafa, asase so, na mehu nea wonhuu no mmɔbɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ nea ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Wɔaka nea eye akyerɛ wo, onipa, ne nea AWURADE hwehwɛ wo hɔ, ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.


Na sɛ mugyina hɔ rebɔ mpae, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomso akyɛ mo.


Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne.


Na sɛ mo nso moannye Onyankopɔn anni pɛn, na afei wɔafa wɔn gye a wonnye nni no so ahu mo mmɔbɔ no,


Na wɔn a wɔnwaree ho de, minni Awurade ahyɛde biara; nanso mereka m’adwene sɛ obi a Awurade mmɔborohunu ama wayɛ ɔnokwafo.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborohunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw,


Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa nkyekyɛ mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de kyɛɛ mo no.


Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre.


Ɛwom sɛ na anka kan no, meyɛ mmusubɔfo ne ɔtaafo ne onuɔdenfo, nanso wɔahu me mmɔbɔ, efisɛ minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.


Nanso eyi nti wɔahu me mmɔbɔ, sɛ me a midi kan mu na Yesu Kristo beyi abodwokyɛre nyinaa adi, de ayɛ wɔn a wɔrebegye no adi akɔ daa nkwa mu no nhwɛso.


Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu adom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.


Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ, a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.


Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.


Na nyansa a efi soro no de, nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma, ennye akyinnye, ɛnyɛ nyaatwom.


Mo a kan no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Onyankopɔn man, mo a munnyaa mmɔborohunu, na afei de, moanya mmɔborohunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan