Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn nea ehia wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Nhyira ne wɔn a tenenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔameeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nhyira ne wɔn a wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔn deɛ ɛhia wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:6
29 Iomraidhean Croise  

sɛ wama ɔkra a ne ho ayow amee, na ɔde adepa ahyɛ ɔkra a ɔkɔm de no ma.


Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn.


Me de, mɛhwɛ w’anim trenee mu; minyan a, mehu sɛ mahu wo.


Ɛbɛmee me kra sɛ hon ne srade, na mede ahosan mu anotew meyi wo ayɛ.


Nhyira ne nea wuyi no na woma ɔbɛn wo sɛ ɔntena w’abangua so. Wo fi nnepa bɛmee yɛn, w’asɔrefi kronkron nnepa no.


Me kra ani gyina, ɛtɔ piti po, AWURADE adiwo no nti; me koma ne me honam di ahurusi ma Onyankopɔn teasefo.


Ɔbɔnefo ade a osuro ara na ɛbɛba no so, na treneefo ade a wɔpɛ no, wɔbɛma wɔn.


Nea odi trenee ne adɔe akyi no, obenya nkwa, trenee ne anuonyam.


Maba me turo mu, me nua, ayeforo, meretetew me kurobow ne m’aduhuam, meredi me wokyɛm ne me wo, merenom me nsa ne me nufusu. Nnamfonom, munnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Na asafo AWURADE bɛtow aman nyinaa pon Sradeduan, nsa a akyɛ, srade ne hon, nsa a wɔasɔn so.


Mmɔborɔfo ne ahiafo a wɔhwehwɛ nsu na ebi nni hɔ a osukɔm nti wɔn tɛkrɛma so awo no, me, AWURADE, megye wɔn so, me, Israel Nyankopɔn, merennyaw wɔn.


Na mehwie nsu magu nea osukɔm de no so, ne nsuwansuwa magu asase kesee so; mehwie me honhom magu w’asefo so, ne me nhyira magu wɔn a wofi wo mu so,


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu;


na moanum n’awerɛkyekye nufu amee, na moafew n’anuonyam mmoroso ama mo bo atɔ mo yam.


Na mɛma ɔkra a atɔ beraw ani so atetew no, na mama akra a atɔ piti nyinaa amee.


Ɔde nnepa ahyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma, na wagya ahonyafo kwan yafumpan.


Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo yi, na wɔbɛma moamee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛserew.


Mo a moamee, munnue! Na ɔkɔm bɛde mo. Mo a moreserew yi, munnue! Na mo werɛ bɛhow, na moasu.


Na nea ɔbɛnom nsu a mɛma no no bi no, osukɔm renne no da; na nsu a mɛma no no bɛyɛ nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu wɔ no mu.


Monnyɛ aduan a ɛsɛe ho adwuma, na mmom aduan a ɛtena hɔ kɔ daa nkwa mu a Onipa Ba no de bɛma mo; na ɔno na Agya Onyankopɔn asɔ no ano.


Na da a edi akyiri a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛse no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteɛɛm sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn menom nsu


Ɔkɔm renne wɔn bio, nso osukɔm renne wɔn bio, nanso owia anaa ahohuru biara rento wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan