Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nhyira ne ahobrɛasefo, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Nhyira ne wɔn a wɔdwoɔ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nhyira ne ahobrɛasefoɔ, na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:5
30 Iomraidhean Croise  

AWURADE ma ahobrɛasefo gyina, ɔtow abɔnefo hwe fam.


Na AWURADE ani sɔ ne man, ɔde nkwagye hyehyɛ ahobrɛasefo.


Ahobrɛasefo bedidi na wɔamee, wɔn a wɔpɛ AWURADE akyi kwan beyi no ayɛ. Mo koma nnya nkwa daa.


Ne kra bɛtena yiyedi mu, na n’asefo anya asase atena so.


Ɔma ahobrɛasefo nnantew trenee mu, na ɔma ahobrɛasefo sua ne kwan.


Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.


Na wɔn a wahyira wɔn na ebedi asase no, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wobeyi wɔn hɔ.


Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.


Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no adi; sɛ wogu abɔnefo ase a, wubehu.


na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no, wɔn na wobenya asase no adi.


Ahobrɛasefo hu a, wɔn ani begye; mo a mohwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, mo koma nnya nkwa.


na trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anom honhom akum ɔbɔnefo;


na wɔn a wodwo benya AWURADE mu anigye foforo, na nnipa mu ahiafo ho asɛpɛw wɔn Israel kronkronni no mu;


Na wo man de, wɔn nyinaa bɛyɛ treneefo, wobedi asase no so akosi daa; wɔbɛyɛ me tɛdua dubaa a afefɛw, me nsa ano adwuma a ɛhyɛ me anuonyam.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Monhwehwɛ Awurade, asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, Awurade abufuw da no.


Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.


Monka nkyerɛ Sion babea sɛ: Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, odwo, na ɔte afurum ne afurum a ɔsoa nnesoa ba so.


Na ɛnyɛ mmara so na ɛbɔ a wɔhyɛɛ Abraham ne n’asefo sɛ wɔbɛyɛ wiase adedifo no nam bae, na mmom ɛnam gyidi trenee so.


odwo, anidahɔ. Mmara bi nni hɔ a etia eyinom.


ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, munkurakura mo ho mu ɔdɔ mu,


Enti sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ timmɔbɔ, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo ne abodwokyɛre.


Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ, odwo akyi.


na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra akɔ nokware no hu mu,


wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa.


Enti munyi efi ne bɔne mmoroso nyinaa ntow nkyene, na momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no.


Mo mu hena na ɔyɛ onyansafo ne nimdefo? Ɔmfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ odwo a nyansa wɔ mu mu.


Na mummu Awurade Kristo kronkron mo koma mu. Nso munsiesie mo ho daa, sɛ mobɛkyerɛ obiara a obisa mo anidaso a ɛwɔ mo mu no ase,


na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan