Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na wɔbɛkyekye wɔn werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ aho, na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekyere wɔn werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow, na wɔn na wɔbɛkyekye wɔn werɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:4
34 Iomraidhean Croise  

Ɛda no na wobɛka sɛ: Mɛda wo ase, O AWURADE, sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ.


Na AWURADE bɛpopa aniwa nyinaa mu nusu, na wayi ne man ahohora afi asase nyinaa so akɔ, efisɛ AWURADE na waka.


Na ɔman no bɛtena Sion, wɔ Yerusalem; na worensu bio; ɔdom na ɔbɛdom wo atie wo nteɛm no; ɔte ara pɛ a, obegye wo so.


Wɔn a AWURADE apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtena wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.


Mahu n’akwan, nso mɛsa no yare; mɛkyerɛ no kwan, na masan makyekye ne werɛ, na mabɔ anofafa so aba ama ne nkɔmmɔdifo.


Mo ne Yerusalem ani nnye, na munni ne ho ahurusi, mo a modɔ no nyinaa; mo ne no ho nsɛpɛw mo, mo a mudi ne ho nkɔmmɔ nyinaa;


Na eyinom nyinaa, me nsa na ɛyɛe maa eyinom nyinaa bae, AWURADE asɛm ni. Na nea mɛhwɛ no ni: Nea ɔyɛ mmɔbɔ na ne honhom abubu, na ne ho popo m’asɛm ano.


Na wɔn mu aguanfo fi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔw so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ abon mu mmorɔnoma a wosisi apini, obiara n’amumɔyɛ ho.


na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Sen fa kurow no mu, Yerusalem mu, na hyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa moma so agyirae.


Na mehwie ɔdom ne nkotɔsrɛ honhom magu Dawid fi ne Yerusalemfo so, na wɔahwɛ nea wɔahwirew me mu no, na wɔatue no so su sɛ ɔba koro so su, na wɔabɔ no so abubuw a ɛyɛ yaw ara sɛ abakan so de.


Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wunyaa ahotɔ na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu amane.


Nhyira ne mo a ɔkɔm de mo yi, na wɔbɛma moamee. Nhyira ne mo a moresu yi, na mobɛserew.


Mo a moamee, munnue! Na ɔkɔm bɛde mo. Mo a moreserew yi, munnue! Na mo werɛ bɛhow, na moasu.


na obegyinaa n’akyi ne nan ho, na ɔresu, na ofii ase de nusu no fɔw ne nan ho, na ɔde ne tinwin popaa ho, na ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no sraa ho.


Na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: Wo gyidi agye wo, kɔ asomdwoe mu!


Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.


Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan