Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Momma mo ani nnye na monsɛpɛw mo ho, efisɛ mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Munhu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛ mo, na mo akatua so wɔ soro; na saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii kan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Momma mo ani nnye na monsɛpɛ mo ho, ɛfiri sɛ, mowɔ akatua a ɛso wɔ ɔsoro. Monhunu sɛ saa ara na wɔtaa adiyifoɔ a wɔdii mo ɛkan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Momma mo ani nnye, na mo ho nsɛpɛw mo, na mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo kan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:12
51 Iomraidhean Croise  

Nsɛm yi akyi no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w'akatua bɛdɔɔso pii.


So wɔnkaa nea Yesebel kum AWURADE adiyifo no, meyɛe no nkyerɛɛ me wura, sɛ mefaa AWURADE adiyifo mu mmarima ɔha, na mede wɔn aduonum aduonum misiee ɔbodan mu, na mede aduan ne nsu mehwɛɛ wɔn no?


na Yesebel retwitwa AWURADE adiyifo agu no, Obadia faa AWURADE adiyifo ha, na ɔde wɔn aduonum aduonum kosiee ɔbodan mu, na ɔde aduan ne nsu hwɛɛ wɔn.


Na Yesebel somaa ɔbɔfo kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sɛɛ na anyame nyɛ me, na sɛɛ nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sesɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu biako de.


Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: So woahu me, me tamfo? Na ose: Mahu wo, efisɛ woatɔn wo ho ayɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako bi da so wɔ hɔ a anka yebetumi abisa AWURADE afi ne nkyɛn, nanso metan no, efisɛ ɔnhyɛ me ho nkɔm pa, sɛ bɔne nko, ɛyɛ Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa.


Na ɔhene somaa aduonum so safohene ne n’aduonum kɔɔ Elia nkyɛn; na wɔforo kɔɔ odiyifo no nkyɛn, na hwɛ, na ɔte bepɔw no atifi. Na ɔsafohene no ka kyerɛɛ odiyifo no sɛ: Onyankopɔn nipa, ɔhene se: Sian bra.


Na Asa nyaa ɔdehufo no ho abufuw, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, efisɛ ɔfaa no eyi ho abufuw. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛbere no mu.


Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ AWURADE abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.


Ɛnna wɔyɛɛ asowui na wɔtew w’anim atua, na wɔtow wo mmara kyenee wɔn akyi, na wokunkum w’adiyifo a wodii wɔn adanse sɛ wɔde resan wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusude akɛse.


Wɔnam so bɔ w'akoa kɔkɔ, ɛsodi mu wɔ akatua pii.


Na nnipa bɛka sɛ: Ampa, akatua wɔ hɔ ma ɔtreneeni, ampa Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu atɛn asase so.


Ɔbɔnefo yɛ adwuma hunu, na nea ogu trenee no nya nokware akatua.


Monka ɔtreneeni ho sɛ obedi yiye, na wobedi wɔn nneyɛe so aba.


Teta ara kwa na mebobɔɔ mo mma ade; wɔannye nteɛso. Mo afoa akunkum mo adiyifo sɛ gyata a ɔsɛe ade.


Na Yeremia wiee nsɛm a AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ ɔman no nyinaa ka no nyinaa no, asɔfo ne adiyifo ne ɔman no nyinaa bumaa no kae sɛ: Owu na wubewu.


Na Yeremia se: Ɛyɛ atoro! Menyɛ nea wawae rekɔ Kaldeafo nkyɛn. Na Yiria antie no, na osoo Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.


Na Onipa Ba no de n’agya anuonyam ne n’abɔfo na ɛbɛba; ɛno na obetua onipa biara ka sɛnea ne nneyɛe te.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfo no. Na wonyinnyan wɔn anim sɛnea nnipa behu sɛ wɔredi mmuada. Nokware mise mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dedaw.


O! Yerusalem, Yerusalem a wukum adiyifo na wusiw wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no abo! Mpɛn ahe ni a mepɛe sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moampɛ.


Momma mo ani nnye da no, na munni ahurusi! Na hwɛ, mo akatua so ɔsoro; na saa ara na wɔn agyanom de yɛɛ adiyifo no.


Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne.


Na ɔdasum no, Paulo ne Silas bɔɔ mpae too dwom maa Onyankopɔn; na nneduafo no tiei.


Ɛnna wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora.


Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba,


Na nea odua ne nea ogugu so nsu yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te.


Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn


efisɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mugye no di nko, na mmom sɛ ne nti muhu amane nso,


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidi ne som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurusi.


Afei m’ani gye amane a mihu mema mo no mu, na mehyɛ Kristo amanehunu, nea aka no ananmu, wɔ me honam mu mema ne nipadua a ɛyɛ asafo no


efisɛ munim sɛ Awurade nsam na mubenya apɛgyade sɛ akatua, na Awurade Kristo na mosom no.


Wɔn na wokum Awurade Yesu ne adiyifo no, na wɔtaa yɛn pam yɛn, nso wɔnsɔ Onyankopɔn ani, na wɔne nnipa nyinaa di asi.


Na momaa nneduafo amane kaa mo, mode anigye nso penee mo nneɛma fow sɛ munim sɛ mowɔ ahode a eye kyɛn so, ɔsoro a ɛtena hɔ no mu.


Obuu Kristo ahohora sɛ ahonya kɛse sen Misraim ahonyade, efisɛ ɔhwɛɛ akatua no.


Wɔn na wɔnam gyidi so ko dii ahenni ahorow so nkonim, dii asɛntrenee, nyinyaa bɔhyɛ, siw agyata ano,


Na sɛ gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ, ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.


Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa,


Anuanom, momfa adiyifo a wɔkasae Awurade din mu no nyɛ amanehunu ne abodwokyɛre sɛnnahɔ.


na mmom, sɛnea moayɛ Kristo amanehunu no fafafo no, momma mo ani nnye, na sɛ woyi n’anuonyam no adi a, mode ahosan ama mo ani agye nso.


AWURADE nhyɛ wo, wo nneyɛe ananmu na nya akatua mu fi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan