Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 5:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Nhyira ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Nhyira ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nhyira ne wɔn a esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahenni no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Nhyira ne wɔn a tenenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahennie no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nhyira ne wɔn a ɛsiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ enti, wɔtaa wɔn, na wɔn na Ɔsoro Ahennie no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Nhyira ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 5:10
30 Iomraidhean Croise  

Ɔbɔnefo susuw ɔtreneeni ho asɛm, na ɔtwɛre ne se gu no so:


Muntie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popo: Mo nuanom a wɔtan mo a me din nti wotu mo no ka sɛ: AWURADE nnya anuonyam na yenhu mo anigye; nanso wɔn ani bewu.


Na sɛ wɔtaa mo kurow yi mu a, munguan nkɔ foforo mu; na nokware mise mo sɛ, morenwie Israel nkurow nyinaa mu ansa na Onipa Ba no aba.


Nanso Yesu kae sɛ: Momma mmofra no kwan, na munnsiw wɔn me nkyɛn ba ho kwan; na eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Ɛno na ɔhene bese wɔn a wɔwɔ ne nifa no sɛ: Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase mfiase no nni!


Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.


Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofra no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea.


na ɔrennya afi ne nuammarimanom ne nuammeanom ne ɛnanom ne mma ne nsaase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seisei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.


Na nea edi eyinom nyinaa kan ne sɛ wɔde wɔn nsa beso mo mu, na wɔataa mo, na wɔayi mo akɔ hyia adan mu ne afiase, na wɔde mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti,


Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo,


Na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ n’asuafo no kae sɛ: Nhyira ne mo ahiafo, na Onyankopɔn ahenni yɛ mo dea.


Nhyira ne mo sɛ nnipa kyi mo, na woyi mo fi wɔn mu, na wɔyaw mo, na wɔbɔ mo dimmɔne onipa ba no nti.


Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi.


Na wotiee no, na wɔfrɛɛ asomafo no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wogyaa wɔn.


Na Saulo nso penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛse baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsaase so, gye asomafo no nko.


Na yɛn mprempren amanehunu a ɛyɛ hare yi nya daa anuonyam a ɛso kokuroo tra so bebree ama yɛn


na mommma atamfo nnyi mo hu biribiara mu. Ɛno na ɛyɛ ɔyera a wɔbɛyera ho sɛnkyerɛnne ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagye ho sɛnkyerɛnne ma mo, eyi fi Nyankopɔn,


Sɛ yegyina pintinn a, yɛne no bedi hene. Sɛ yɛpa no a, ɔno nso bɛpa yɛn.


me taa a wɔanya me ntaae, m’amanehunu a ɛbaa me so Antiokia, Ikonium ne Listra no akyi. Saa ɔtaa yi na migyinaa mu, na Awurade gyee me fii ne nyinaa mu.


Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.


Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea Awurade ma ewiee no, sɛnea Awurade ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.


ɛnyɛ sɛ Kain a ofi bɔne mu na okum ne nua no. Na adɛn nti na okum no? Efisɛ n’ankasa nnwuma yɛ bɔne, na ne nua de no de, ɛteɛ.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan