Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu buaa no se, “Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔbuaa sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Ɛnyɛ paanoo nko na onipa nam so bɛtena aseɛ, na mmom asɛm biara a ɛfiri Nyankopɔn anomu ba no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yesu buaa no sɛ, “Wɔatwerɛ sɛ, ‘Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa wɔ nʼasetena mu, na mmom, deɛ ɛhia titire ne Onyankopɔn asɛm.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesu buae sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:4
26 Iomraidhean Croise  

Na Israelfo no hui no, wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Ɛdɛn ni? Efisɛ wonnim dekode. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Eyi ne aduan a Awurade de ama mo sɛ munni.


Na Israelfo no dii mana mfirihyia aduanan de kosii sɛ woduu asase bi a nkurɔfo bi te so so; wodii mana de kosii sɛ woduu Kanaan asase no hye so.


Na Mose se: Awurade bɛma mo nam adi anwummere, ne aduan adi amee anɔpa, efisɛ Awurade ate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ no no; na dɛn ne yɛn? Ɛnyɛ yɛn na munwiinwii hyɛ, na mmom Awurade.


Di apiti nnapa no. Nnansɔn na di apiti, sɛnea mehyɛɛ wo no, ɔsram Abib a ɛte sɛ Oforisuo mu bere a wɔahyɛ no, efisɛ ɛno mu na wufii Misraim bae; nso obi mmfa nsapan mmmepue m'anim;


Ɛnyɛ nea ɛkɔ anom na egu onipa ho fi, na mmom nea efi anom ba na egu onipa ho fi.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Yesu see no sɛ: Wɔakyerɛw bio sɛ: Nsɔ Awurade, wo Nyankopɔn, nhwɛ!


Na ɔkae sɛ: Nea efi onipa mu ba no, ɛno na egu onipa ho fi.


Na Yesu bua see no sɛ: Wɔaka sɛ: Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ!


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase.


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Na Okyigyinafo a mɛsoma no mabrɛ mo afi Agya no nkyɛn, nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn reba no, sɛ onya ba a, ɔno na obedi me ho adanse;


Honhom ne nea ɛma nkwa, ɔhonam de, ɛnyɛ hwee; nsɛm a maka mo no yɛ honhom ne nkwa.


Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.


na momfa nkwagye dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm,


Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɔkɔm dee wo, na ɔde mana a wunnim na w’agyanom nso nnim yɛn wo, na wama woahu sɛ, ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtena ase, na ade biara a efi AWURADE anom so na onipa nam tena ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan