Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔsɔhwɛfo no baa ne nkyɛn besee no sɛ: Sɛ wone Onyankopɔn Ba no a, ka na abo yi nnan abodoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:3
34 Iomraidhean Croise  

Na Israelfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yenwuwu ne nsa ano Misraim asase a yɛtete nam nkutu ho a yedidi mee no so! Na moayi yɛn aba sare yi so sɛ mode ɔkɔm rebekunkum asafo mu yi nyinaa.


Na wɔn a wɔwɔ ɔkorow no mu no ba bɛkotow sɔree no sɛ: Onyankopɔn ba ne wo ampa.


Na Simon Petro buae sɛ: Wone Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba!


Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn.


Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.


Yesu Kristo, [Onyankopɔn Ba] asɛmpa no mfiase.


Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no.


na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Dɛn na me ne wo Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro ba, wɔ yɛ? Medɔ Onyankopɔn sɛ: Nhaw me?


Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.


Na wɔn nyinaa kae sɛ: Ɛnne na wone Nyankopɔn ba no anaa? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaka, na mene no.


Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, hyɛ ɔbo yi na ɛnnan abodoo.


Na ahonhommɔne nso fii nnipa pii mu kɔe, na wɔteɛɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteɛteɛɛ wɔn, wamma wɔankasa, efisɛ wonim sɛ ɔne Kristo no.


Na ɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɔde no kogyinaa asɔrefi atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, tow wo ho fi ha yi kyene fam!


Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.


Natanael bua see no sɛ: Rabi, woyɛ Nyankopɔn ba, wone Israel hene.


Na eyinom na wɔakyerɛw sɛ munnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba, na mugye di a, moanya nkwa ne din mu.


Yesu tee sɛ wɔapam no afi adi; na ohuu no no, ɔkae sɛ: Wugye Onipa Ba no di anaa?


Na ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.


Na Onyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ yiw ne daabi, na mmom yiw na ɛwɔ no mu;


na m’ase a mete yi de, ɛnyɛ me bio, na Kristo na ɔte ase wɔ me mu; na m’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn Ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.


Eyi nti me nso, misom a enso bio no, mesomae, na mahu mo gyidi mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfo no asɔ mo ahwɛ, na yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.


na obi anyɛ oguamammɔfo anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔn n’abakan gyee aduan koro.


Enti, sɛ yɛwɔ ɔsɔfo panyin kɛse a watwa ɔsoro mu, Yesu, Onyankopɔn Ba no yi, momma yenso yɛn gyidi asɛm a yegyina so ka no mu dennennen.


onni agya nni na nni awo ntoatoaso, onni nna mfiase anaa nkwa awiei, na wɔde no toto Onyankopɔn Ba no ho a, ɔyɛ ɔsɔfo afebɔɔ.


Nea ɔyɛ bɔne no fi bonsam, efisɛ ɔbonsam na ofi mfiase yɛɛ bɔne. Eyi nti na Onyankopɔn Ba no beyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Nsuro amane a worebehu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mubehu amane dadu. Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan