Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:21 - KYERƐW KRONKRON

21 Na ofi hɔ kɔɔ n’anim no, ohuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakob ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu; na ɔfrɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim no, ɔhunuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te kodoɔ mu repempam wɔn asau; na ɔfrɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ohuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane na ɔbaako nso din de Yakobo sɛ wɔne wɔn agya te ɔkorow mu repempam wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso se wommedi nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔfiri hɔ kɔɔ n’anim no, ɔhunuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te kodoɔ mu repempam wɔn asau; na ɔfrɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane ɛnna ɔbaako nso din de Yakobo, sɛ wɔne wɔn agya te kodoɔ mu retuatua wɔn asau mu. Yesu frɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na ofi hɔ kɔɔ n’anim no, ohuu anuanom baanu bio, Sebedeo ba Yakob ne ne nua Yohane, sɛ wɔne wɔn agya Sebedeo te ɔkorow mu retuatua wɔn asawu mu; na ɔfrɛɛ wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:21
12 Iomraidhean Croise  

Na asomafo dumien no din ni: Nea odi kan ne Simon a wɔfrɛ no Petro, ne ne nua Andrea; Yakob a ɔyɛ Sebedeo ba no, ne ne nua Yohane,


Na nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakob ne ne nua Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so wɔ fa baabi.


Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho no, ne werɛ fii ase howee, na ne ho yeraw no pa ara.


Na ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no bedii n’akyi.


Na ntɛm ara wogyaw ɔkorow no ne wɔn agya bedii n’akyi.


Sebedeo ba Yakobo, ne ne nua Yohane, na ɔtoo wɔn din Boanerges, ase ne ɔprannaa mma;


Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro ne Yakobo, ne Yakob ne nua Yohane.


Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata ne Natanael a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne n’asuafo no mu baanu nso wɔ hɔ.


Ɔde nkrante kum Yohane ne nua Yakobo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan