Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na odii mmuada adaduanan awia ne anadwo, akyiri yi no, ɔkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Saa bere no mu, Yesu dii mmuada adaduanan; awia ne anadwo. Eyi maa ɔkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔdii mmuada adaduanan awia ne anadwo no, akyire yi no, ɛkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Saa ɛberɛ no mu, Yesu dii mmuada adaduanan awia ne anadwo. Yei maa ɛkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na odii mmuada adaduanan awia ne anadwo, akyiri yi no, ɔkɔm dee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:2
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔde aduan no mu ahoɔden nantewee adaduanan, awia ne anadwo, koduu Onyankopɔn bepɔw Horeb ho.


Na Mose kɔɔ omununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔw no so; na Mose dii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo.


Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔkyerɛw apam nsɛm no, nsɛm du no, apon no so.


Na anɔpa a ɔresan aba kurow no mu no, ɔkɔm dee no.


Na ɔkɔm dee me, na momaa me biribi midii, osukɔm dee me, na momaa me nsu nomee, meyɛɛ ɔhɔho, na mofaa me kɔɔ mo fi;


Na ɔkɔm dee me, na moamma me biribi manni, osukɔm dee me, na moamma me nsu annom;


Na ade kyee a wofi Betania reba no, ɔkɔm dee no.


Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na owiee no, ɔkɔm dee no.


Nso Yakob abura wɔ hɔ. Na sɛ ɛnam sɛ Yesu abrɛ n’akwantu mu nti, ɔtenaa abura no so saa ara; ɛbɛyɛ awia dumien.


Mɛma odiyifo so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na waka nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn;


Na mehwee AWURADE anim ase sɛ kan no, adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom, mo bɔne a moyɛe nyinaa, sɛ moyɛɛ nea enye AWURADE ani so de hyɛɛ no abufuw no nti.


Na mehwee AWURADE anim ase adaduanan ne anadwo aduanan; na mehwee ase, efisɛ AWURADE aka sɛ ɔrebɛsɛe mo;


ɛbere a meforoo bepɔw no sɛ mikogye abopon, apam a AWURADE ne mo pamee no apon no, midii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo, mannidi na mannom;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan