Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 4:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛhɔ ara na Yesu buae se, “Fi me so, Satan! Hu sɛ wɔakyerɛw se, ‘Kotow som Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛhɔ ara na Yesu buaa sɛ, “Firi me so, Ɔbonsam! Hunu sɛ, wɔatwerɛ sɛ ‘Koto som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 4:10
30 Iomraidhean Croise  

Na Satan gyina hyɛɛ Israel, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Satan sɛ: Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no. Ɛnna Satan fii AWURADE anim kɔe.


Na ɛbae sɛ da bi Onyankopɔn mma no bae begyinaa AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae.


Na da foforo bi, ɔsoro dɔm no bae sɛ wobegyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu bae bi sɛ obegyina AWURADE anim.


Fa ɔbɔnefo si no so, na ma Satan nnyina ne nifa.


Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w'aduan ne wo nsu so, na mayi ɔyare mafi wo mu.


Na mubegu wo dwetɛ ahoni nnuraho ne wo sika agude nkataho no ho fi; wobɛtow agu sɛ asabutam, wobɛka akyerɛ no sɛ: Fi hɔ!


Na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: Fi me so, Satan! Woyɛ hintidua ma me, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen.


Na odii sare so hɔ adaduanan, na Satan sɔɔ no hwɛe, na ɔne mmoa na ɛwɔ hɔ, na abɔfo bɛsom no.


Na osee wɔn sɛ: Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam.


Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? Sɛ muse: Menam Beelsebul so na etu ahonhommɔne.


Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda?


Na Satan kɔhyɛn Yuda a wɔfrɛ no Iskariot a ɔyɛ dumien no mu biako no mu.


Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ onya mo, na ohuhu mo so sɛ aburow.


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Na ogyee abodoo sin no akyi no, ɛno na Satan hyɛn no mu. Ɛnna Yesu see no sɛ: Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!


na woabue wɔn ani, na wɔadan afi sum mu aba hann mu, na wɔafi Satan tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔnefakyɛ ne agyapade, wɔn a wogye me di na wɔatew wɔn ho no mu.


Na Petro kae sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no ti ade bi asie?


momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na ɔhonam no nsɛe, na wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ bere kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasan ahyiam bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛw so ansɔ mo anhwɛ.


Na ɛnyɛ nwonwa; efisɛ Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.


Na nea ɛbɛyɛ na meremfa adiyi no ntraso memma me ho so bebrebe nti, wɔama me ɔhonam mu nsɔe, Satan bɔfo, sɛ ɔmmɛbɔ me akuturuku, na mamma me ho so.


na Satan anni yɛn amim; efisɛ yenim n’akwan.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.


Na afei munsuro AWURADE na monsom no mudi ne nokware mu, na mompa anyame a mo agyanom somee, asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fi nyinaa sɛ: Sɛ mode mo koma nyinaa resan aba AWURADE nkyɛn a, munyi ananafo anyame ne Astarot no mfi mo mu, na munsiesie mo koma mma AWURADE, na monsom no nko, na obeyi mo Filistifo nsam.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan