Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefo, efisɛ Onyankopɔn betumi ama saa abo yi adan nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na monnsusu nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na monnhoahoa mo ho sɛ moyɛ Abraham asefoɔ, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bɛtumi ama saa aboɔ yi adane nnipa ma wɔabɛyɛ Abraham asefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:9
22 Iomraidhean Croise  

Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no so no ka sɛ: Abraham yɛ obiakofo na ɔfaa asase no dii, na yɛn de, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nni.


Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm,


Na osusuw ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Efisɛ minni nea mede me nnɔbae mesie.


Na ɔteɛɛm sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro na ɔmfa ne nsatea ano nkɔbɔ nsu mu, na ɔmfa mmedwudwo me tɛkrɛma; na merehu amane ogyaframa yi mu.


Na obua see wɔn sɛ: Mise mo sɛ: Eyinom mua wɔn ano a, anka abo mpo bɛteɛm.


Na afei monsow aba a ɛfata adwensakra, na mummfi ase nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mise mo sɛ, Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.


Na Yesu huu wɔn adwene no, obua see wɔn sɛ: Ɛdɛn na mususuw mo koma mu?


Na Farisini a ohyiaa no adidi no hui no, ɔkae ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifo a, anka obehu onii ne ɔbea ko a ɔde ne nsa aka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛfo.


Wobuaa no sɛ: Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ obi nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye?


Minim sɛ moyɛ Abraham asefo; nanso mohwehwɛ me akum me, efisɛ m’asɛm nsen mo mu.


Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham a owui no? Na adiyifo no nso wui; woreyɛ wo ho dɛn ni?


Anuanom, Abraham asefo ne mo mu nnipa a musuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagye asɛm yi abrɛ yɛn.


Simeon aka sɛnea Onyankopɔn kɔhwɛɛ amanaman no mu kankyerekyere paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din.


Afei dɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan