Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Yohane huu Farisifo ne Sadukifo no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, osee wɔn sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yohane huu sɛ Farisifo ne Sadukifo pii reba ne nkyɛn ma wabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awɔ mma! Hena na ɔka kyerɛɛ mo se munguan mfi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no ano?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yohane hunuu sɛ Farisifoɔ ne Sadukifoɔ pii reba ne nkyɛn ma wɔabɔ wɔn asu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔka kyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri Onyankopɔn abufuo a ɛreba no ano?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yohane huu Farisifo ne Sadukifo no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, osee wɔn sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:7
49 Iomraidhean Croise  

Na mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w'asefo ne n'asefo ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.


Wɔn a wogyaw mmara no yi abɔnefo ayɛ, na wɔn a wodi mmara so no ne wɔn di aperepere.


Wosow ɔkyereben nkesua, na wɔnwene ananse ntontan; nea odi wɔn nkesua wu, na wotia bi so a, ɛpae ahurutoa.


Munguan mfi Babel, na munguan nnye mo kra nkwa mfi ne mu, na moanwu n’amumɔyɛ mu, efisɛ AWURADE aweretɔ bere ni, ɔretua no ne nneyɛe so ka.


Hena na menkasa menkyerɛ no, na minni adanse, na watie? Hwɛ, wɔn aso asisiw, na wontumi ntie asɛm; hwɛ, AWURADE asɛm adan wɔn ahohorade, ɛnyɛ wɔn dɛ.


Na Farisifo no tee no, wɔkae sɛ: Ahonhommɔne panyin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.


Nhurutoa mma! Moyɛ abɔnefo yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na nea ayɛ koma ma abu so no na ano ka.


Ɛnna n’asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Wunim sɛ Farisifo no tee asɛm yi no, ato wɔn hintidua?


Na Farisifo ne Sadukifo no bae bɛsɔɔ no hwɛe, srɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro sɛnkyerɛnne bi.


Na Yesu see wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho!


Ɛnna Farisifo no kɔe kotuu agyina sɛnea wobesum no afiri ɔkasa mu.


Da no ara na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no


Na Farisifo no tee sɛ wamua Sadukifo no ano no, wokohyiaa faako.


Awɔ, nhurutoa mma! Mobɛyɛ dɛn aguan amanehunu kurom atemmu?


Na mise mo sɛ, sɛ mo trenee ammoro Kyerɛwfo ne Farisifo no de so a, morennya ɔsoro ahenni no mu nhyɛn.


Na wɔsomaa Farisifo ne Herodefo no mu bi baa ne nkyɛn sɛ wɔmmɛpɛ no asɛm.


Na Sadukifo a wɔka sɛ owusɔre nni hɔ no baa ne nkyɛn bebisaa no sɛ:


Na Yesu see wɔn sɛ: Hwɛ, monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Herode mmɔkaw ho!


Na Farisifo a wɔyɛ sikapɛfo tee eyinom nyinaa; na wɔserew no.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛnea nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi mpo.


na Farisifo ne mmarakyerɛfo no de, wɔpoo Onyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.)


Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no fi Farisifo mu.


Mo de, mo agya a mufi no mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔde na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase, na onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.


Na Farisifo no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wosee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifuraefo?


Na ebinom a wofi Farisifo fekuw mu a wɔagye adi sɔree, na wose: Ɛsɛ sɛ wotwa wɔn twetia na wɔhyɛ wɔn sɛ wonni Mose mmara so.


Enti monwɛn, monkae sɛ mfirihyia abiɛsa ni, anadwo ne awia, minnyaee mo mu biara afotu wɔ nusu mu da.


Na wonim me fi mfiase dedaw, nso sɛ wɔpɛ sɛ wodi ho adanse a, wonim me sɛ mefraa Fekuw a wodi yɛn som so pɛpɛɛpɛ no mu mebɔɔ me bra sɛ Farisini.


Na ɔsɔfo panyin ne wɔn a wɔka ne ho a wofi Sadukifo fekuw mu no nyinaa sɔree, na anibere nti


Na wɔda Nyankopɔn abufuw adi fi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛe a ɛnteɛ nam amumɔyɛ so si nokware no kwan.


Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu.


na moatwɛn ne Ba a onyan no fii awufo mu no afi soro, ɔne Yesu a oyi yɛn fi abufuw a ɛreba no mu.


Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidi ho trenee ɔdedifo.


na yɛafa ade abien a ɛnsakra a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ntumi nni atoro wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛm a emu yɛ den, yɛn a yɛaguan repɛ hintabea no bɛsɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu.


Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan