Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:6 - KYERƐW KRONKRON

6 na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu asubɔnten Yordan mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:6
35 Iomraidhean Croise  

Na Esra rebɔ mpae na ɔde osu ne fam da repae mu ka wɔ Onyankopɔn fi no anim no, Israel mu asafo kɛse pa ara a, mmarima, mmea ne mmofra boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn; na ɔman no suu osu kɛse.


Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ AWURADE. Na wo na wode me bɔne so mmusu kyɛe.


Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkye ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.


Na mede nsu kurunnyen mɛpete mo so na mo ho atew. Mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuw nyinaa mu na mɛtew mo ho afi,


Na mebɔɔ AWURADE me Nyankopɔn mpae na mepaee mu mekae sɛ: O AWURADE, Onyankopɔn kɛse a ne ho yɛ hu a ɔkora apam ne adɔe so ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so,


Na Aaron mfa ne nsa abien ngu ɔpapo animono no atifi, na ɔnka Israelfo no mfomso nyinaa ne wɔn mmarato nyinaa sɛ wɔn bɔne nyinaa te no ngu ɔpapo no so, na ɔmma ɔbarima bi a ɔwɔ hɔ nkogyaa no nkɔ sare so,


Ɛno na wɔbɛka wɔn amumɔyɛ ne wɔn agyanom amumɔyɛ no; sɛ nkontompo a wotwaa me ne asi a wɔne me dii nti,


ɔmpae mu nka ne bɔne a wayɛ no, na ontua n'asodide no aboten mfa abupɛn anum mu biako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.


Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ne ho yɛ den sen me; ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mikura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na Yudea asase nyinaa sofo ne Yerusalemfo fi kɔɔ ne nkyɛn, na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn nyinaa asu wɔ asubɔnten Yordan mu.


Na ɔbɛdan Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.


Yohane ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Me de, mede nsu mebɔ mo asu; na nea ne ho yɛ den sen me reba a mensɛ sɛ mesan ne mpaboa hama. Ɔno na ɔde Honhom Kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu.


sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, nna yi mu ɛrenkyɛ na wɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron mu.


Na mekaee Awurade asɛm a ɔkae sɛ: Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu no.


Na wɔn a wɔagye adi no mu pii bae bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoam nsɛm.


Na afei, adɛn na wotwentwɛn wo nan ase? Sɔre ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne, na bɔ Awurade din!


na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, omununkum ne ɛpo no mu,


Na wɔasie mo ne no wɔ asubɔ mu; na ne mu na ɔne mo nso anyan. Ɛnam gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu no tumi adwuma so.


ne asubɔ horow ho nkyerɛnkyerɛ ne nsaguso ne awufo sɔre ne daa atemmu anto fapem bio.


na ɛne nnuan ne anonne ne aguare horow yɛ ɔhonam nsiesiei nko a ɛda hɔ sɛ wɔnyɛ nkodu bere a wɔahyɛ ato hɔ no.


Monkeka mo mfomso nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho, na munyiyi mpae mmoma mo ho mo ho, na wɔasa mo yare. Onipa trenee adesrɛ a emu yɛ den tumi yɛ ade bebree.


Na Yosua ka kyerɛɛ Akan sɛ: Me ba, fa anuonyam ma AWURADE, Israel Nyankopɔn, na di no ni, na ka kyerɛ me ɛ: Dɛn na woyɛe? Nsiw me so.


Ɛno na afei ne nsɛso a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.


Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan