Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Mateo 3:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, hwɛ, ntɛm ara na ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii asu no mu, na hwɛ, ɔsoro buei. Ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian ba ne so sɛ aborɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, hwɛ, ntɛm ara na ɔsoro bue maa no, na ɔhunuu Nyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane sɛ aburuburo ba ne soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Wɔbɔɔ Yesu asu wieeɛ no, ɔfirii nsuo no mu, na hwɛ ɔsoro bueɛ. Ɔhunuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresiane ba ne so sɛ aborɔnoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ofii nsu no mu, na hwɛ, ntɛm ara ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn Honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma reba no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Mateo 3:16
14 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom.


Hwɛ, m’akoa a mehyɛ no mpamden ni, nea mapaw no a me kra ani sɔ no; mede me honhom magu no so; ɔde atemmu befi akɔ amanaman mu.


Na me de, eyi ne me ne wɔn apam no, AWURADE na ose: Me honhom a ɛwɔ wo so no ne me nsɛm a mede mahyɛ w’anom no, ɛremfi w’anom ne w’asefo anom ne w’asefo asefo anom, AWURADE na ose, efi sesɛɛ de bɛkɔ akosi daa.


AWURADE Nyankopɔn honhom wɔ me so, efisɛ AWURADE asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ amanehunufo; wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ mempae ahofadi menkyerɛ nnommum, ne nneduadan bue menkyerɛ apokyerɛfo;


Na afe a ɛto so aduasa, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so anum no, na mewɔ atukɔfo no mu, asu Kebar ho, na ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn hɔ anisoade.


Na ofii nsu no mu no, ntɛm ara na ohui sɛ ɔsoro abue, na Honhom no resian sɛ aborɔnoma ba no so.


Na osee no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokwarem pa ara sɛ, mubehu ɔsoro sɛ abue, na Onyankopɔn abɔfo redi aforosian Onipa Ba no so.


Na nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm; na Onyankopɔn nsusuw Honhom ansa na ɔde ma.


fi Yohane asubɔ so de besi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no mu biako ne yɛn yɛ ne sɔre ho adansefo.


na ɔkae sɛ: Hwɛ, mihu soro sɛ abue, na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nifa.


Oyi ne nea ɔnam nsu ne mogya so bae, Yesu Kristo no, na ɛnyɛ nsu nko mu, na mmom ɛyɛ nsu ne mogya mu. Na honhom no na edi adanse, efisɛ honhom no ne nokware.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan